Mmebusɛm 11:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nsisie nsania yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na abrammoɔ a ɛwie pɛyɛ na n’ani gye ho. Mmebusɛm 20:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Nkariboɔ ahodoɔ mmienu yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na nsisie nsania nso, ɛnyɛ.+ Hosea 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Atorɔ nsania wɔ odwadini nsam,+ na nsisie na ɔpɛ.+