Mateo
1 Abraham ba,+ Dawid ba+ Yesu Kristo ho abakɔsɛm nwoma:+
Isak woo Yakob;+
Yakob woo Yuda+ ne ne nuanom;
3 Yuda ne Tamar woo Peres+ ne Sera;
Peres woo Hesron;+
Hesron woo Ram;+
4 Ram woo Aminadab;
Aminadab woo Naason;+
Naason woo Salmon;+
Boas ne Rut+ woo Obed;
Obed woo Yese;+
Dawid ne Uria yere woo Solomon;+
Rehoboam woo Abia;
Yehosafat woo Yehoram;+
Yehoram woo Usia;
9 Usia woo Yotam;
Ahas woo Hesekia;+
Amon+ woo Yosia;
11 Yosia+ woo Yekonia+ ne ne nuanom berɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon no.+
12 Berɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon akyi no Yekonia woo Sealtiel;+
Sealtiel woo Serubabel;+
13 Serubabel woo Abihud;
Abihud woo Eliakim;
Eliakim woo Asor;
14 Asor woo Sadok;
Sadok woo Akim;
Akim woo Elihud;
15 Elihud woo Eleasar;
Eleasar woo Matan;
Matan woo Yakob;
16 Yakob woo Yosef a ɔyɛ Maria kunu no. Maria na ɔwoo Yesu+ a wɔfrɛ no Kristo no.+
17 Enti awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa, ɛfiri Abraham so bɛsi Dawid soɔ no nyinaa yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan, na ɛfiri Dawid so bɛsi berɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan, na ɛfiri berɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babilon no bɛsi Kristo soɔ no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.
18 Na sɛdeɛ wɔwoo Yesu Kristo nie. Berɛ a wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ne siyerɛ+ a wɔnnya nwareeɛ no, wɔhunuu sɛ honhom kronkron+ ama no anyinsɛn. 19 Nanso, ɛsiane sɛ na ne kunu Yosef tene na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase nti,+ ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgyaa+ no kokoam. 20 Na berɛ a ɔsusuu yeinom ho wieeɛ no, hwɛ! Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria akɔ fie, na honhom kronkron na ama no anyinsɛn.+ 21 Ɔbɛwo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ wɔto ne din Yesu,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye+ ne manfoɔ+ afiri wɔn bɔne mu.”+ 22 Yeinom nyinaa siiɛ na ama deɛ Yehowa nam ne diyifoɔ so kaeɛ+ no aba mu+ sɛ: 23 “Hwɛ! Ɔbaabunu+ no bɛnyinsɛn na wawo ɔbabarima, na wɔbɛto ne din Imanuel,”+ a n’asekyerɛ ne sɛ, “Onyankopɔn ne Yɛn Wɔ Hɔ.”+
24 Ɛnna Yosef nyane firii nna mu yɛɛ sɛdeɛ Yehowa bɔfoɔ kyerɛɛ no no, na ɔfaa ne yere kɔɔ fie. 25 Nanso ɔne no anna+ kɔsii sɛ ɔwoo ɔbabarima,+ na ɔtoo ne din Yesu.+