Mateo
7 “Monnyae atɛn+ a mobu nkurɔfoɔ no na wɔammu mo atɛn; 2 atɛn a mobuo no, ɛno ara na wɔbɛbu mo;+ susukoraa a mode susu ma nkurɔfoɔ no, wɔde bɛsusu ama mo.+ 3 Ɛnneɛ, adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛ a ɛda wo nua ani soɔ, na wonhunu mpuna a ɛda wo ara w’ani soɔ?+ 4 Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi ntɛtɛ no mfiri w’ani so’; berɛ a, hwɛ! mpuna da wo ara w’ani soɔ?+ 5 Nyaatwomni! Di kan yi wo ara w’ani so mpuna no, na wobɛhunu sɛdeɛ wobɛyi ntɛtɛ no afiri wo nua ani so.
6 “Mommfa akronkronneɛ mmma nkraman,+ na monnto mo nhwenneɛ nngu mprako anim, na wɔantiatia so+ annane wɔn ho ammɛtete mo mu.
7 “Monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mobɛhunu; monkɔ so mmom,+ na wɔbɛbue mo. 8 Ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛbisa no nsa bɛka,+ na obiara a ɔbɛhwehwɛ no bɛhunu, na obiara a ɔbɛbom no wɔbɛbue no. 9 Mo mu hwan koraa na ne ba+ bisa no paanoo a ɔde boɔ bɛma no? 10 Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛma no? 11 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ+ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mo Agya a ɔwɔ soro no de nnepa+ bɛma wɔn a wɔbisa no no!
12 “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no,+ mo nso monyɛ wɔn saa ara; nokorɛm no, saa na Mmara ne Adiyifoɔ no kyerɛ.+
13 “Momfa ɛpono teateaa no mu;+ ɛfiri sɛ ɛkwan a ɛsõ na ɛtrɛ no kɔ ɔsɛeɛ mu, na nnipa bebree na wɔnam so rekɔ mu; 14 nanso ɛpono teateaa ne ɛkwan hihiaa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wɔhunu.+
15 “Monhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho,+ na wɔhyehyɛ nnwan nwoma ba mo nkyɛn,+ nanso wɔn mu deɛ wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.+ 16 Wɔn aba na mode bɛhu wɔn.+ Wɔtete bobe wɔ nkasɛɛ so, anaasɛ wɔtete borɔdɔma wɔ hwerɛmo so?+ 17 Saa nso na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne biara so aba bɔne;+ 18 dua pa ntumi nso aba bɔne, na dua bɔne ntumi nso aba pa. 19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa na wɔde gu gya mu.+ 20 Ne saa nti, wɔn aba na mode bɛhu wɔn.+
21 “Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahennie no mu, na mmom deɛ ɔyɛ+ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no na ɔbɛhyɛn mu.+ 22 Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, Awurade,+ yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛantu adaemone wo din mu, na yɛanyɛ ahoɔdenneɛ bebree wo din mu anaa?’+ 23 Ɛnna afei mɛpae mu aka akyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da!+ Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ mmaratodeɛ.+
24 “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, wɔde no bɛtoto ɔbadwemma bi a ɔsii ne fie sii ɔbotan soɔ ho.+ 25 Na nsuo tɔeɛ na ɛyiriiɛ, na mframa bɔ bɛbɔɔ fie no, nanso ammu, ɛfiri sɛ na wato asi ɔbotan so. 26 Afei, obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ+ no, wɔde no bɛtoto ɔkwasea+ bi a ɔsii ne fie sii anwea soɔ ho. 27 Na nsuo tɔeɛ na ɛyiriiɛ, na mframa bɔ bɛbɔɔ fie+ no maa no dwiri guiɛ, na ɛbubuu pasaa.+”
28 Afei berɛ a Yesu wiee nsɛm yi no, ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no maa nnipakuo no ho dwirii wɔn;+ 29 ɛfiri sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi,+ na ɛnte sɛ wɔn atwerɛfoɔ no.