Dawid dwom.
143 O Yehowa, tie me mpaebɔ;+
Yɛ asõ ma me nkotɔsrɛ.+
Firi wo nokorɛdie mu gye me so wo tenenee mu.+
2 Wo ne w’akoa nnni asɛm,+
Na ɔteasefoɔ biara ntumi nni bem w’anim.+
3 Atamfo ataa me kra;+
Wɔatiatia me nkwa so wɔ fam.+
Wɔama matena esum mu sɛ nnipa a wɔawuwu dadaada.+
4 Me honhom+ atɔ piti me mu;
Na m’akoma nso asene+ me mu.
5 Mekae tete nna;+
Medwendwene wo nnwuma nyinaa ho;+
Metena ase susu wo nsa ano adwuma ho.+
6 Matrɛ me nsam akyerɛ wo;+
Me kra retwɛn wo sɛ asase wesee a ɛrepɛ nsuo.+ Sela.
7 O Yehowa, yɛ ntɛm gye me so.+
Me honhom asa awie.+
Mfa w’anim nhunta me,+
Anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔresiane akɔ amena mu no.+
8 Ma mente w’adɔeɛ anɔpa,+
Na wo na mede me ho ato wo soɔ.+
Kyerɛ me kwan a memfa soɔ,+
Na wo na mama me kra so akyerɛ woɔ.+
9 O Yehowa, gye me firi m’atamfo nsam.+
Wo na mede wo ayɛ me huntabea.+
10 Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ deɛ wopɛ,+
Na wone me Nyankopɔn.+
Wo honhom yɛ;+
Ma no nkyerɛ me kwan wɔ teeyɛ asase so.+
11 O Yehowa, wo din nti,+ kora me nkwa so.+
Wo tenenee+ nti, gye me kra firi ahohia mu.+
12 W’adɔeɛ nti, ma m’atamfo nyɛ komm;+
Sɛe wɔn a wɔtan me kra nyinaa,+
Ɛfiri sɛ meyɛ w’akoa.+