Wɔde ma Yedutan dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
62 Onyankopɔn na me kra ayɛ komm retwɛn no.+
Ne hɔ na me nkwagyeɛ fire.+
2 Ampa ara, ɔno ne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abantenten;+
Merenwatiri nhwe ase.+
3 Mobɛtu mo ani asi onipa a morepɛ no aku no so akɔsi da bɛn?+
Mo nyinaa mote sɛ fasuo a akyea, aboɔ fasuo a wɔrepia ahwe fam.+
4 Ampa ara wɔde afotuo ma onipa de dɛfɛdɛfɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a n’anidie bɛbɔ no;+
Atorɔ na wɔn ani gye ho.+
Wɔde wɔn ano hyira, na wɔn mu deɛ, wɔdome.+ Sela.
5 O me kra, twɛn Onyankopɔn,+
Ɛfiri sɛ ɔno na m’ani da ne soɔ.+
6 Ampa ara ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abantenten;+
Merenhinhim da.+
7 Me nkwagyeɛ ne m’animuonyam gyina Onyankopɔn so.+
Onyankopɔn ne me botantim ne me dwankɔbea.+
8 Momfa mo ho nto ne so daa.+
Monyi mo akoma mu nsɛm adi nkyerɛ no.+
Onyankopɔn yɛ yɛn dwankɔbea.+ Sela.
9 Ampa ara nnipa mma yɛ mframa,+
Adasamma yɛ dwankɔbea hunu.+
Sɛ wɔkari wɔn nsania mu a, wɔn nyinaa mu yɛ hare sene mframa.+
10 Mommfa mo ho nnto nsisie so,+
Na mommma korɔno nnnaadaa mo.+
Sɛ ahonyadeɛ dɔɔso a, mommfa mo adwene nnsi so.+
11 Onyankopɔn akasa prɛko, na mate asɛm yi mprenu,+
Sɛ Onyankopɔn nsam na tumi wɔ.+
12 Adɔeɛ nso yɛ wo dea, O Yehowa,+
Na wo na wotua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+