24 “Obiara ntumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforɔ+ no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyadeɛ.+
15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ anibereɛ+ biara ho, ɛfiri sɛ sɛ onipa nya ma no bu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fire.”+
17 Kasa kyerɛ wɔn a wɔyɛ adefoɔ+ wɔ wiase yi mu sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm,+ nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ+ a ɛnni nnyinasoɔ so, na mmom wɔmfa nto Onyankopɔn a ɔma yɛn adeɛ nyinaa ma no bu soɔ ma yɛn ani gyeɛ no so;+