Dwom Ɔsoro-forɔ Dwom. 121 Mɛma m’ani so akyerɛ mmepɔ.+Ɛhe na me mmoa bɛfiri aba?+ 2 Me mmoa firi Yehowa,+Ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.+ 3 Ɔremma wo nan nsunti da.+Deɛ ɔwɛn woɔ no, ɔrentɔ nko.+ 4 Hwɛ! Deɛ ɔwɛn Israel no,+Ɔrentɔ nko na wada.+ 5 Yehowa wɛn wo.+Yehowa ne wo nwunu,+ wo nsa nifa so.+ 6 Awia renhye wo awiaberɛ,+Na bosome nso rempira wo anadwo.+ 7 Yehowa na ɔbɛwɛn woɔ, mmusuo nyinaa mu.+Ɔbɛwɛn wo kra.+ 8 Yehowa bɛwɛn wo nkorɔeɛ ne wo mmaeɛ+Afiri nnɛ de akɔsi daa.+