Mateo
28 Homeda no akyi, nnawɔtwe no da a ɛdi kan a animu reteteɛ no, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔhwɛɛ ɛda no.+
2 Na hwɛ! na asasewosoɔ kɛseɛ bi asi, ɛfiri sɛ na Yehowa bɔfoɔ firi soro asiane abɛmuni boɔ no afiri hɔ, na ɔte so.+ 3 Ná ne ho te sɛ anyinam,+ na n’atadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+ 4 Nokwasɛm nie, ne ho hu maa awɛmfoɔ no ho popoeɛ na wɔyɛɛ sɛ deɛ wɔawuwuo.
5 Na ɔbɔfoɔ+ no bua see mmaa no sɛ: “Monnsuro, na menim sɛ morehwehwɛ Yesu+ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. 6 Ɔnni ha, na wɔanyane+ no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra, monhwɛ faako a na ɔda no. 7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ no sɛ wanyane+ afiri awufoɔ mu, na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea;+ ɛhɔ na mobɛhu no. Hwɛ! Maka akyerɛ mo.”+
8 Enti, wɔfirii ɛda no so ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tuu mmirika kɔbɔɔ n’asuafoɔ no amanneɛ.+ 9 Na hwɛ! Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsɔɔ ne nan kotoo no. 10 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ+ sɛ wɔnkɔ Galilea, na wɔbɛhu me wɔ hɔ.”
11 Berɛ a wɔnam kwan so rekorɔ no, hwɛ! awɛmfoɔ+ no bi kɔɔ kuro no mu kɔkaa deɛ asie nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no. 12 Na berɛ a yeinom ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ na wɔbɔɔ pɔ no, wɔmaa asraafoɔ no nwetɛbena bebree+ 13 na wɔkaa sɛ: “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛadeda no, n’asuafoɔ+ no bɛwiaa no.’ 14 Na sɛ ɛduru amrado no asom a yɛbɛpa no kyɛw na moannya asɛm biara.” 15 Enti wɔgyee nnwetɛbena no yɛɛ sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔn no; na asɛm yi trɛɛ Yudafoɔ mu de bɛsi nnɛ.
16 Na asuafoɔ dubaako no kɔɔ Galilea,+ bepɔ a na Yesu akyerɛ wɔn no so, 17 na berɛ a wɔhunuu no no wɔkotoo no, nanso ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa.+ 18 Na Yesu twe bɛn wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde tumi nyinaa+ ama me wɔ ɔsoro ne asase so. 19 Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa+ m’asuafoɔ,+ mommɔ wɔn asu+ Agya+ ne Ɔba+ ne honhom kronkron+ din mu, 20 monkyerɛkyerɛ+ wɔn mma wɔnni+ deɛ mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ+ nna nyinaa de kɔsi wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ.”+