Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
19 Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam kyerɛ;+
Na wiem kyerɛ ne nsa ano adwuma.+
2 Adekyeeɛ biara, adekyeeɛ kasa,+
Na anadwo biara, anadwo kyerɛ nimdeɛ.+
3 Wɔmmue wɔn ano nkasa, na wɔnte wɔn anom nsɛm;
Wɔnte ɛnne bi nso.+
4 Nanso wɔn susuhoma duru wiase nyinaa,+
Na wɔn nsɛm duru asase ano baabiara.+
Wɔn mu na Onyankopɔn asi ntomadan ama awia,+
5 Ɛte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne dan mu repue;+
Ne ho sɛpɛ no sɛ ɔhoɔdenfoɔ a ɔretu mmirika wɔ kwan bi soɔ.+
6 Ɔfiri adi firi ɔsoro ano,
Na ɔkɔwie n’akwantuo wɔ fã nohoa;+
Biribiara nhunta ne hyeɛ ano.+
7 Yehowa mmara+ yɛ pɛ,+ ɛma ɔkra ho san no.+
Yehowa nkaesɛm+ yɛ nokorɛ,+ ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ hunu nyansa.+
8 Yehowa ahyɛdeɛ+ tene,+ ɛma akoma di ahurisie;+
Yehowa mmara nsɛm+ ho te,+ ɛma obi ani te.+
9 Yehowa suro+ ho te, ɛwɔ hɔ daa.
Yehowa atemmusɛm+ yɛ nokorɛ;+ ne nyinaa tene.+
10 Ɛyɛ akɔnnɔ sene sika, ɛsene sika amapa mpo;+
Ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ+ ne ɛwoɔ a ɛsosɔ firi ɛwoɔkyɛm+ mu.
11 Ɛbɔ w’akoa kɔkɔ;+
Ɛsodie mu wɔ akatua+ sɛ.
12 Hwan na ɔtumi hunu ɔno ara ne mfomsoɔ?+
Me bɔne a mennim no, fa firi me.+
13 Yi w’akoa firi anidaho bɔne ho;+
Mma no nnni me so.+
Ɛno na ɛbɛma madi mũ+
Na made me ho afiri mmarato pii ho.
14 Ma m’anom nsɛm ne m’akomam nsusuiɛ+
Nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan+ ne me Gyefoɔ.+