1 Yohane
1 Deɛ na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ+ a yɛateɛ,+ deɛ yɛde yɛn ani ahunu,+ deɛ yɛahwɛ no+ yie na yɛde yɛn nsa aka+ wɔ nkwa asɛm no ho no,+ 2 (aane, wɔyii nkwa no adi kyerɛeɛ,+ na yɛahunu redi adanseɛ,+ na yɛreka daa nkwa+ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn a wɔyii no adi kyerɛɛ yɛn no ho asɛm akyerɛ mo,) 3 deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛreka akyerɛ mo nso,+ na mo nso mo ne yɛn anya ayɔnkofa.+ Bio nso saa ayɔnkofa+ yi wɔ yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo ntam.+ 4 Enti yɛretwerɛ yeinom na yɛn anigyeɛ adi mu.+
5 Na asɛm a yɛate afiri ne nkyɛn a yɛrebɔ mo amanneɛ ne sɛ,+ Onyankopɔn yɛ hann+ na esum biara nni ne mu.+ 6 Sɛ yɛka sɛ: “Yɛne no wɔ ayɔnkofa,” na sɛ yɛkɔ so nante sum mu a,+ na yɛredi atorɔ na yɛnni nokorɛ.+ 7 Nanso sɛ yɛnam hann mu sɛdeɛ ɔno ara wɔ hann+ mu no a, ɛnneɛ na ayɔnkofa wɔ yɛn ntam,+ na ne Ba Yesu mogya+ hohoro+ yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.+
8 Sɛ yɛka sɛ: “Bɔne nni yɛn ho”+ a, na yɛredaadaa yɛn ho,+ na nokorɛ no nni yɛn mu. 9 Sɛ yɛka yɛn bɔne+ a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn na wahohoro yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.+ 10 Sɛ yɛka sɛ: “Yɛnyɛɛ bɔne” a, na yɛrema no adane ɔtorofoɔ, na n’asɛm nni yɛn mu.+