Luka
22 Afei na paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ, deɛ wɔfrɛ no Twam+ no rebɛn. 2 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nso rehwehwɛ ɔkwampa a wɔbɛfa so ayi no afiri hɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔsuro nkurɔfoɔ no.+ 3 Na Satan hyɛn Yuda, deɛ wɔfrɛ no Iskariot, a na ɔka dumienu no ho no mu;+ 4 na ɔne asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne asɔrefie ahwɛfoɔ no kɔkaa ɔkwampa a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn no ho asɛm.+ 5 Enti wɔn ani gyeeɛ na wɔpenee so sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ 6 Enti ɔgye toom, na ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ hokwan a ɔde bɛyi no ama wɔn berɛ a nnipakuo bi nni hɔ.+
7 Na da a wɔdi paanoo a mmɔreka nnim duruiɛ a ɛsɛ sɛ wɔde twam aboa no bɔ afɔdeɛ no,+ 8 ɔsomaa Petro ne Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔsiesie twam no+ mma yɛmmɛdi.” 9 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie?” 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ “Hwɛ! Sɛ mohyɛn kuro no mu a, ɔbarima bi a ɔsõ ahina a nsuo wom bɛhyia mo. Monni n’akyi nkɔ fie a ɔbɛkɔ mu no mu.+ 11 Na monka nkyerɛ efiewura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se wo sɛ: “Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi twam afahyɛ wom no wɔ?”’+ 12 Na ɔbarima no bɛkyerɛ mo abansoro dan kɛseɛ bi a wɔahyehyɛ mu. Monyɛ ahosiesie no wɔ hɔ.”+ 13 Enti wɔfirii hɔ kɔeɛ na wɔhunuu no sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔsiesiee twam no.+
14 Awieeɛ koraa a berɛ no duruiɛ no, ɔkɔtenaa didipono ho, na na asomafoɔ no ka ne ho.+ 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ paa sɛ me ne mo bɛdi twam yi ansa na mahunu amane; 16 na mese mo sɛ, merenni bio kɔsi sɛ ɛbɛnya ne mmamu wɔ Onyankopɔn ahennie mu.”+ 17 Na ɔgyee kuruwa no,+ ɔdaa ase kaa sɛ: “Monnye yei na momfa mma obiara; 18 na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ rekorɔ no merennom bobesa bio kɔsi sɛ Onyankopɔn ahennie bɛba.”+
19 Afei nso, ɔfaa paanoo+ daa ase, bubuu mu de maa wɔn kaa sɛ: “Yei gyina hɔ ma me nipadua+ a mo nti wɔde bɛma.+ Monkɔ so nyɛ yei mfa nkae me.”+ 20 Afei ɔyɛɛ kuruwa+ no saa ara berɛ a wɔwiee anwummeduane no, na ɔkaa sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforɔ+ a ɛnam me mogya+ so, deɛ wɔbɛhwie agu ama mo no.+
21 “Nanso, hwɛ! deɛ ɔbɛyi me ama no+ nsa bɛn me wɔ pono so.+ 22 Ɛfiri sɛ onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔahyɛ ato hɔ no;+ nanso, onipa a wɔnam ne so bɛyi no ama no nnue!”+ 23 Enti wɔfirii aseɛ bisabisaa wɔn ho sɛ wɔn mu hwan na ɔrebɛyɛ yei.+
24 Na akasakasa gyegyeegye bi nso sɔree wɔn ntam wɔ wɔn mu deɛ ɔyɛ kɛseɛ ho.+ 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Amanaman no ahemfo di wɔn so bakoma, na wɔfrɛ wɔn a wɔdi wɔn so tumi no Adɛɛfoɔ.+ 26 Na mo deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa.+ Na mmom momma deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ te sɛ kumaa koraa,+ na deɛ ɔdi animu no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.+ 27 Na hwan na ɔyɛ ɔkɛseɛ, deɛ ɔte didipono ho anaa deɛ ɔresom? Ɛnyɛ deɛ ɔte didipono ho? Na me deɛ mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔresom.+
28 “Nanso, mo na moda so bata me ho+ wɔ me sɔhwɛ mu;+ 29 na me ne mo reyɛ ahennie ho apam,+ sɛdeɛ m’Agya ne me ayɛ apam+ no, 30 na moadidi+ anom me pono so wɔ m’ahennie mu,+ na moatena nhennwa+ so abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.
31 “Simon, Simon, hwɛ! Satan+ pɛ sɛ ɔnya kwan hu mo so sɛ ayuo.+ 32 Nanso masrɛ+ ama mo na mo gyidie ansa; na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.”+ 33 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, masiesie me ho sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owuo mu mpo.+ 34 Nanso ɔkaa sɛ: “Petro, mese wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woapo me mprɛnsa sɛ wonni me.”+
35 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Berɛ a mesomaa+ mo a moamfa sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa no, biribi hiaa mo anaa?” Wɔkaa sɛ: “Dabi!” 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Seesei deɛ, momma deɛ ɔwɔ sika kotokuo no mfa, na deɛ ɔwɔ akwantuo bɔtɔ no nso saa ara; na ma deɛ ɔnni nkrantɛ no ntɔn n’atadeɛ ngugusoɔ na ɔntɔ bi. 37 Na meka kyerɛ mo sɛ, ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ yi ba mu wɔ me so sɛ, ‘Wɔkan no fraa mmaratofoɔ.’+ Na deɛ ɛfa me ho no renya mmamu.”+ 38 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Awurade, hwɛ! nkrantɛ mmienu nie.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ.”
39 Wɔfirii adie no, ɔkɔɔ Ngo Bepɔ no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no; na asuafoɔ no nso dii n’akyi.+ 40 Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”+ 41 Na ɔtwee ne ho firii wɔn ho kɔɔ deɛ wɔto boɔ a ɛbɛtɔ na ɔbuu nkotodwe firii aseɛ bɔɔ mpaeɛ, 42 sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so. Nanso, ɛnyɛ me pɛ,+ na mmom ma wo pɛ nyɛ.”+ 43 Ɛnna ɔbɔfoɔ bi firi soro yii ne ho adi kyerɛɛ no hyɛɛ no den.+ 44 Na berɛ a ne ho yeraa no no, ɔbɔɔ mpaeɛ dendeenden;+ na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam.+ 45 Na ɔsɔre firii mpaebɔ mu kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu sɛ awerɛhoɔ rededa wɔn,+ 46 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn na morededa? Monsɔre na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu.”+
47 Ɔgu so rekasa no, hwɛ! nnipakuo bi nie, na dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim;+ na ɔbaa Yesu nkyɛn bɛfee n’afono ho.+ 48 Na Yesu bisaa no sɛ: “Yuda, wode mfeano reyi onipa Ba no ama?”+ 49 Berɛ a wɔn a wɔka ne ho no hunuu deɛ ɛrebɛsie no, wɔkaa sɛ: “Awurade, yɛmfa nkrantɛ nkɔ wɔn so anaa?”+ 50 Wɔn mu baako mpo twee ɔsɔfo panin akoa no so nkrantɛ twaa n’aso nifa firii hɔ.+ 51 Na Yesu buaa sɛ: “Momma ɛnso ha yi ara.” Na ɔde ne nsa kaa aso no maa ne ho tɔɔ no.+ 52 Afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie ahwɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔaba rebɛfa no no sɛ: “Mode nkrantɛ ne nkontimmaa aba sɛdeɛ moreba ɔdwotwafoɔ so?+ 53 Berɛ a na me ne mo wɔ asɔrefie+ hɔ daa no, moantene mo nsa wɔ me so.+ Nanso yei ne mo dɔn+ ne esum mu tumi.”+
54 Afei wɔkyeree no de no kɔeɛ,+ na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin no fie,+ na na Petro di wɔn akyi wɔ akyiri.+ 55 Berɛ a wɔsɔɔ egya wɔ adihɔ hɔ tenatenaa ho no, na Petro te wɔn mu.+ 56 Na abaawa bi hunuu no sɛ ɔte gya no ho na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: “Na ɔbarima yi nso ka ne ho.”+ 57 Nanso ɔsanee+ sɛ: “Menni no, ɔbaa.”+ 58 Na berɛ tiaa bi akyi no, obi foforɔ hunuu no kaa sɛ: “Wo nso woka wɔn ho.” Na Petro kaa sɛ: “Ɔbarima, menka wɔn ho.”+ 59 Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, obi foforɔ firii aseɛ kaa no dendeenden sɛ: “Ampa na oyi nso ka ne ho; nokorɛm nie, ɔyɛ Galileani!”+ 60 Nanso Petro kaa sɛ: “Ɔbarima, mennim deɛ woreka no.” Na ɛhɔ ara, berɛ a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee.+ 61 Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro, na Petro kaee asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woapa me mprɛnsa.”+ 62 Na ɔfirii adi kɔsuu pii.+
63 Afei mmarima a wɔakye no no firii aseɛ dii ne ho agorɔ+ bobɔɔ+ no;+ 64 na wɔde adeɛ kata n’anim a, na wɔabisa no sɛ: “Hyɛ nkɔm. Hwan na ɔbɔɔ woɔ?”+ 65 Na wɔkɔɔ so kekaa abususɛm+ bebree tiaa no.
66 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no mpanimfoɔ badwa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa ka boom,+ na wɔde no kɔgyinaa Sanhedrin no asa so kaa sɛ:+ 67 “Sɛ wone Kristo no a,+ ka kyerɛ yɛn.” Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ meka kyerɛ mo mpo a, morennye nni da.”+ 68 Afei nso, sɛ mebisa mo asɛm a, moremmua koraa.+ 69 Nanso, ɛfiri sɛsɛɛ rekorɔ no onipa Ba+ no bɛtena Onyankopɔn nsa nifa+ a tumi wom no so.”+ 70 Ɛnna wɔn nyinaa kaa sɛ: “Enti, wone Onyankopɔn Ba no?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara na moreka+ sɛ mene no.” 71 Wɔkaa sɛ: “Adanseɛ foforɔ bɛn bio na yɛhia?+ Yɛate afiri ɔno ara n’anom.”+