Numeri
36 Da bi, Manase ba Makir+ ba Gilead abusua no mu mpanimfoɔ a wɔn nyinaa yɛ Yosef mma mmusua baa Mose ne Israel mpanimfoɔ a wɔyɛ agyanom mmusua so atitire no nkyɛn, 2 na wɔkaa sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ yɛn wura sɛ ɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asase no+ mma Israelfoɔ. Na Yehowa kaa sɛ yɛn wura mfa yɛn nua Selofehad agyapadeɛ mma ne mma mmaa.+ 3 Sɛ mmarima a wɔwɔ mmusua foforɔ mu bɛware wɔn a, mmaa no bɛgye wɔn agyapadeɛ afiri yɛn agyanom agyapadeɛ mu akɔ wɔn kununom mmusua mu, na ɛba saa a, wɔbɛtwa afiri agyapadeɛ a wɔbɔɔ ntonto de maa yɛn no mu.+ 4 Afei sɛ Israelfoɔ Ahofadie afe+ no duru a, wɔde mmaa no agyapadeɛ bɛka wɔn kununom mmusua agyapadeɛ ho. Yei kyerɛ sɛ wɔbɛgye wɔn agyapadeɛ nyinaa afiri yɛn agyanom mmusua agyapadeɛ mu.”
5 Afei Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ: “Asɛm a Yosef mma abusuakuo aka no yɛ nokorɛ. 6 Ahyɛdeɛ a Yehowa de ama Selofehad+ mma mmaa ne sɛ, ‘Wɔbɛtumi aware obiara a wɔpɛ, nanso ɛsɛ sɛ wɔware wɔn agyanom abusuakuo mu nko ara.+ 7 Na ɛnsɛ sɛ Israelfoɔ agyapadeɛ firi abusuakuo baako mu kɔ abusuakuo foforɔ mu, na Israelni biara mfa ne ho mfam n’agyanom abusuakuo agyapadeɛ ho. 8 Ɔbaa biara a ɔbɛnya agyapadeɛ wɔ Israel abusuakuo bi mu no, ɛsɛ sɛ ɔware ne papa abusuakuo mu+ na ama Israelfoɔ adi wɔn nananom agyapadeɛ so. 9 Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ bi firi abusuakuo baako mu kɔ abusuakuo foforɔ mu, na Israel abusuakuo biara mfa wɔn ho mfam wɔn agyapadeɛ ho.’”
10 Deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, ɛno ara na Selofehad mma mmaa no yɛeɛ.+ 11 Enti Selofehad mma mmaa+ a wɔn din de Mahla, Tirsa, Hogla, Milka, ne Noa no warewaree wɔn papa nuanom mma. 12 Wɔwarewaree Yosef ba Manase asefoɔ no bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn agyapadeɛ bɛtena wɔn papa abusuakuo mu.
13 Yei ne ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm a Yehowa nam Mose so de maa Israelfoɔ wɔ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no.