Deuteronomium 30:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Nanso wo deɛ, wobɛsesã w’akwan abɛtie Yehowa asɛm na woadi n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so.+ Yosua 22:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na monhwɛ nni ahyɛdeɛ+ ne mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so; monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ na momfa n’akwan so+ nni n’ahyɛdeɛ so,+ na momfa mo ho mfam ne ho,+ na momfa mo akoma nyinaa+ ne mo kra nyinaa+ nsom no.”+ Ɔsɛnkafoɔ 12:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro nokorɛ Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na yei ne onipa asɛdeɛ.
8 “Nanso wo deɛ, wobɛsesã w’akwan abɛtie Yehowa asɛm na woadi n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so.+
5 Na monhwɛ nni ahyɛdeɛ+ ne mmara a Yehowa akoa Mose de maa mo no so; monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn,+ na momfa n’akwan so+ nni n’ahyɛdeɛ so,+ na momfa mo ho mfam ne ho,+ na momfa mo akoma nyinaa+ ne mo kra nyinaa+ nsom no.”+
13 Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro nokorɛ Nyankopɔn+ no na di ne mmara nsɛm so.+ Na yei ne onipa asɛdeɛ.