Romafoɔ
9 Mereka nokorɛ+ wɔ Kristo mu; menni atorɔ,+ ɛfiri sɛ m’ahonim di me adanseɛ honhom kronkron mu, 2 sɛ medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne yea a ɛnnyae da wɔ m’akoma mu.+ 3 Me yam a anka wɔayi me afiri Kristo ho ayɛ abusudeɛ ama me nuanom+ a wɔyɛ me honam fam abusuafoɔ,+ 4 ma enti wɔyɛ Israelfoɔ+ a wɔagye wɔn ayɛ mma+ na animuonyam+ ne apam+ ahodoɔ ne Mmara a wɔde maeɛ+ ne ɔsom kronn+ ne bɔhyɛ+ ahodoɔ no yɛ wɔn dea no; 5 wɔn na agyanom+ no wɔ wɔn, na wɔn mu nso na Kristo firi baa honam mu:+ Onyankopɔn+ a ɔdi adeɛ nyinaa soɔ no na nhyira nka no daa. Amen.
6 Nanso, ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm dii nkoguo.+ Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ “Israelfoɔ” paa.+ 7 Saa ara nso na ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti wɔn nyinaa yɛ mma,+ na mmom: “Deɛ wɔbɛfrɛ no ‘w’aseni’ no nam Isak so na ɛbɛba.”+ 8 Kyerɛ sɛ, honam mma+ no nyɛ Onyankopɔn mma paa,+ na mmom bɔhyɛ mma+ no na wɔbu wɔn asefoɔ. 9 Ɛfiri sɛ bɔhyɛ asɛm no kaa sɛ: “Mɛsan aba bio saa berɛ yi na Sara anya ɔbabarima.”+ 10 Nanso ɛnyɛ ɛno nko, na mmom berɛ a Rebeka ne yɛn nana Isak nyinsɛnee nta+ no nso: 11 na berɛ a wɔnnya nwoo wɔn, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne biara no,+ deɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn atirimpɔ a ɛkyerɛ deɛ wɔnyi no no bɛkɔ so ayɛ deɛ ɛmfiri nnwuma mu, na mmom ɛbɛgyina Deɛ ɔfrɛ no soɔ nti,+ 12 wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Panin no bɛyɛ kumaa no akoa.”+ 13 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Medɔɔ Yakob, na Esau deɛ, metan no.”+
14 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka? Onyankopɔn ntene anaa?+ Dabida! 15 Ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Deɛ mɛhu no mmɔbɔ no, ɔno ara na mɛhu no mmɔbɔ, na deɛ me yam bɛhyehye me ama no no, ɔno ara na me yam bɛhyehye me ama no.”+ 16 Enti ɛnnyina deɛ ɔpɛ anaa deɛ ɔretu mmirika no so,+ na mmom ɛgyina Onyankopɔn a ɔhunu mmɔbɔ no so.+ 17 Ɛfiri sɛ Twerɛnsɛm no ka kyerɛ Farao sɛ: “Yei ara nti na mama kwan ama woda so te aseɛ, sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo so, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.”+ 18 Enti deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔbɔ,+ na deɛ ɔpɛ nso na ɔma no sene ne kɔn.+
19 Ne saa nti wobɛka akyerɛ me sɛ: “Adɛn nti na ɔda so nya nnipa ho mfomsoɔ? Na hwan na ɔbɛsi ne pɛ a wada no adie no kwan?”+ 20 Wo onipa,+ hwan ne wo a wo ne Onyankopɔn yiyi nsɛm ano?+ Anwenneɛ bɛse ɔnwemfoɔ sɛ, “Adɛn nti na woyɛɛ me sei?”+ 21 Adɛn? Ɔnwemfoɔ+ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara bɛnwene kukuo baako a ɛwɔ animuonyam na wanwene foforɔ nso a ɛnni animuonyam?+ 22 Na afei ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adie, na ɔma wɔhunu ne tumi no, sɛ ɔde abodwokyɛreɛ bebree maa abufuo anwenneɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no tenaa hɔ+ 23 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’animuonyam ahonyadeɛ+ adi wɔ mmɔborɔhunu anwenneɛ+ a wasiesie ato hɔ ama animuonyam,+ 24 kyerɛ sɛ, yɛn a wɔfrɛɛ yɛn firii Yudafoɔ ne amanaman mufoɔ+ nso mu no so a, ɛno nso ɛ? 25 Ɛte sɛ deɛ ɔka wɔ Hosea nso no: “Wɔn a wɔnyɛ me man+ na mɛfrɛ wɔn ‘me man,’ na mafrɛ deɛ na mennɔ no no ‘ɔdɔfoɔ’;+ 26 na faako a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’”+
27 Bio nso, Yesaia team wɔ Israel ho sɛ: “Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea+ mpo a, emu nkaefoɔ na wɔbɛgye wɔn nkwa.+ 28 Ɛfiri sɛ Yehowa bɛma wɔabu akonta akyerɛ no asase so na wawie no ntɛm so.”+ 29 Afei nso sɛdeɛ Yesaia ka too hɔ no: “Sɛ asafo Yehowa+ annya asefoɔ amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na anka yɛadane sɛ Gomora.”+
30 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka? Ɛne sɛ amanaman mufoɔ anni tenenee akyi deɛ, nanso wɔbɛtoo tenenee,+ tenenee a ɛfiri gyidie mu+ no; 31 na ɛwom sɛ Israel dii tenenee mmara akyi deɛ, nanso wɔantumi annuru mmara no ho.+ 32 Ɛdeɛn ntira? Ɛfiri sɛ wɔamfa gyidie na ɛdii akyire na mmom wɔyɛɛ no sɛ deɛ wɔnam nnwuma soɔ.+ Wɔsuntii “suntiboɔ”+ no; 33 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Hwɛ, mereto boɔ bi wɔ Sion,+ suntiboɔ ne watire boɔ,+ na obiara a ɔnya mu gyidie no nsa rensi fam.”+