1 Korintofoɔ
13 Sɛ meka nnipa ne abɔfoɔ kasa+ na menni dɔ a, mete sɛ ayowa a ɛyɛ dede anaa nnadeɛ+ a wɔde bobom. 2 Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ+ akyɛdeɛ na menim ahuntasɛm kronkron+ nyinaa, mewɔ nimdeɛ+ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ,+ na menni dɔ a, mensɛ hwee.+ 3 Na sɛ mede m’ahodeɛ nyinaa ma de hwɛ afoforɔ,+ na mede me nipadua ma+ de hoahoa me ho na sɛ menni dɔ+ a, mennya mfasoɔ biara.
4 Ɔdɔ+ wɔ abodwokyɛreɛ+ na ne yam yɛ.+ Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaa,+ ɛntu ne ho,+ ɛnhoran,+ 5 ɛnyɛ adeɛ a ɛnsɛ,+ ɛnhwehwɛ deɛ ɔno ara hia,+ ne bo nha no.+ Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.+ 6 Ɛnni deɛ ɛntene ho ahurisie,+ na mmom ɛdi nokorɛ ho ahurisie.+ 7 Ɛto ne bo ase biribiara mu,+ ɛgye biribiara di,+ ɛwɔ biribiara mu anidasoɔ,+ na ɛgyina biribiara ano.+
8 Ɔdɔ to ntwa da.*+ Nanso nkɔmhyɛ adom akyɛdeɛ deɛ, wɔbɛyi afiri hɔ; kasa hodoɔ nso, ɛbɛgyae; nimdeɛ nso, wɔbɛgu.+ 9 Ɛfiri sɛ yɛn nimdeɛ nni mu,+ na nkɔm a yɛhyɛ nni mu;+ 10 na sɛ deɛ ɛdi mu no ba+ a, deɛ ɛnni mu no bɛfiri hɔ. 11 Meyɛ akɔkoaa no, mekasaa sɛ akɔkoaa, medwenee sɛ akɔkoaa, mesusuu nsɛm ho sɛ akɔkoaa; na afei a mayɛ panin+ yi, mayi nkɔkoaa su no afiri hɔ. 12 Na seesei deɛ yɛhunu nneɛma wisiwisi wɔ dadeɛ ahwehwɛ mu,+ nanso afei ɛbɛyɛ animu ne animu.+ Seesei me nimdeɛ nni mũ, nanso afei mɛnya nimdeɛ a ɛdi mu sɛdeɛ me nso wɔnim me yie no.+ 13 Na seesei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ, gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na deɛ ɛyɛ kɛseɛ wom ne ɔdɔ.+