NWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA
(Nnwom 73 – 89)
Asaf+ dwom.
73 Ampa, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ɔyɛ ma wɔn a wɔn akomam teɛ.+
2 Me deɛ, anka me nan reyɛ amane,+
Na ɛkaa kakraa bi sɛ m’anammɔn rewatiri.+
3 M’ani beree ahohoahoafoɔ,+
Ɛfiri sɛ berɛ biara mehunu sɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ asomdwoeɛ.+
4 Wɔnhunu owuo yea;+
Na wɔn afuru ayeyɛ akɛseɛ.+
5 Adasamma haw mpo nka wɔn,+
Na deɛ ɛto nnipa nyinaa no, ebi nto wɔn.+
6 Ɛno nti wɔde ahantan ayɛ kɔnmuadeɛ;+
Awudisɛm afira wɔn ntoma.+
7 Sradeɛ ama wɔn ani apupu;+
Wɔanya aboro deɛ wɔsusu no wɔn akomam.+
8 Wɔtweetwee nkurɔfoɔ, na bɔne ho asɛm na wɔka;+
Wɔka nsisie ho asɛm ahantan so.+
9 Wɔde wɔn ano aduru soro,+
Na wɔnenam asase so de wɔn kɛtrɛma keka deɛ wɔpɛ.+
10 Enti ɔtwe nkurɔfoɔ ba,
Na wɔhwie nsuo adeɛ mã ma wɔn.
11 Na ɛma wɔka sɛ: “Onyankopɔn nhunuiɛ anaa?+
Ɔsorosoroni no nim biribi?”+
12 Hwɛ! Saa na nnebɔneyɛfoɔ a wɔte hɔ dwoodwoo daa no teɛ.+
Wɔanya ahodeɛ pii.+
13 Ampa mate m’akomam kwa,+
Na mahohoro me nsa bemdie mu kwa.+
14 Ɛha me daa nyinaa,+
Ɛfiri sɛ anɔpa biara menya animka.+
15 Sɛ mekaa sɛ: “Mɛka asɛm a ɛte saa” a,
Anka hwɛ! Wo mma asafo
Na matwa wɔn nkontompo.+
16 Mesusuu ho sɛ mɛte yei ase;+
Ná ɛyɛ den m’ani so,
17 Kɔsi sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea kɛseɛ no mu.+
Ná mepɛ sɛ mehunu sɛdeɛ ɛbɛwie wɔn daakye.+
18 Ampa deɛ ɛhɔ yɛ toro na wode wɔn agyina.+
Woama wɔahwehwe ase asɛe pasaa.+
19 O hwɛ sɛdeɛ wɔn asɛm ayɛ awerɛhoɔ mpofirem!+
Hwɛ sɛdeɛ awie wɔn, na mpofirem ahudeɛ ama wɔn awieeɛ aba!
20 O Yehowa, sɛdeɛ obi sõ daeɛ na n’ani teɛ no,+
Saa na sɛ wokeka wo ho a, wobɛbu wɔn nipaban adehunu bi kɛkɛ.+
21 M’akoma dii awerɛhoɔ,+
Na medii yea m’asaabo mu.+
22 Ná menni nteaseɛ, enti manhunu;+
Meyɛɛ sɛ aboa, w’ani so.+
23 Nanso me ne wo wɔ hɔ daa;+
Wokura me nsa nifa.+
24 W’afotuo na wode bɛkyerɛ me kwan,+
Na awieeɛ koraa wode me bɛkɔ animuonyam mu.+
25 Hwan bio na mewɔ no wɔ soro?+
W’akyi no, menni obiara ho anigyeɛ asase so.+
26 Me honam ne m’akoma ayɛ mmerɛ.+
Onyankopɔn ne m’akoma botan ne me kyɛfa daa.+
27 Na hwɛ! Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔn na wɔbɛyera.+
Wɔn a wɔfiri w’akyi kɔbɔ adwaman no nyinaa, wobɛsɛe wɔn.+
28 Na me deɛ, Onyankopɔn a mɛbɛn no no yɛ ma me.+
Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me dwankɔbea,+
Sɛ mɛka ne nnwuma nyinaa ho asɛm.+