1 Korintofoɔ
9 Menne me ho anaa?+ Menyɛ ɔsomafoɔ?+ Menhunuu yɛn Awurade Yesu?+ Ɛnyɛ mo ne m’adwuma wɔ Awurade mu? 2 Sɛ menyɛ ɔsomafoɔ mma ebinom a, mo deɛ, meyɛ ma mo, na mo ne nsɔano+ a ɛma me somafodwuma di mũ Awurade mu.
3 Deɛ mede bua wɔn a wɔbu me atɛn nie:+ 4 Yɛnni tumi sɛ yɛdidi+ na yɛnom anaa? 5 Yɛnni tumi sɛ yɛfa onuabaa bi yɛ yɛn yere+ ne no nante te sɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom+ ne Kefa+ anaa? 6 Anaasɛ me ne Barnaba+ nko ara na yɛnni tumi sɛ yɛgyae adwumayɛ?+ 7 Hwan na ɔyɛ ɔsraani a ɔno ara tua ne ho ka? Hwan na ɔyɛ bobeturo na ɔnni mu aba?+ Anaasɛ hwan na ɔhwɛ mmoa, na ɔnnom wɔn nufosuo no bie?+
8 Mede nnipa adwene na ɛreka nsɛm+ yi? Ɛnyɛ saa na Mmara+ no nso ka anaa? 9 Na wɔatwerɛ no Mose mmara no mu sɛ: “Nkyekyere nantwie ano berɛ a ɔreporo ayuo.”+ Nantwie ho na Onyankopɔn dwene? 10 Anaasɛ yɛn mmom nti na ɔkaa saa? Nokorɛm no, yɛn nti na wɔtwerɛeɛ,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔfuntum no, ɛsɛ sɛ ɔfuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔporo ayuo no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa a ɔwɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛnya bi.+
11 Sɛ yɛadua honhom fam nneɛma+ ama mo a, ɛyɛ ade kɛseɛ bi sɛ yɛbɛtwa honam fam nneɛma afiri mo hɔ anaa?+ 12 Sɛ afoforɔ nya tumi a ɛte saa wɔ mo so+ a, yɛn tumi mmoro saa anaa? Nanso yɛnnii saa tumi no,+ na mmom yɛkura nneɛma nyinaa mu na yɛamfa biribiara ansi Kristo asɛmpa no kwan.+ 13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di+ asɔrefie nneɛma no bi, na wɔn a wɔsom+ afɔrebukyia ho daa no ne afɔrebukyia no wɔ kyɛfa? 14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ+ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no mfa asɛmpa no so ntena aseɛ.+
15 Nanso memfaa nhyehyɛeɛ yi mu biara nnii dwuma.+ Nokorɛm no, mantwerɛ yeinom sɛdeɛ mede bɛdi dwuma, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwuo mmom—obiara ntumi mma deɛ mede bɛhoahoa me ho+ nyɛ kwa! 16 Na sɛ meka asɛmpa+ no a, ɛnyɛ adeɛ a ɛsɛ sɛ mede hoahoa me ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahyɛdeɛ+ a ɛda me soɔ. Na sɛ manka asɛmpa no a, anka mennue!+ 17 Sɛ meyi me yam yɛ+ a, mewɔ akatua;+ sɛ nso meyɛ no amemenemfe mu a, wɔde efiehwɛ adwuma+ no ahyɛ me nsa ara. 18 Afei ɛdeɛn ne m’akatua? Ɛne sɛ berɛ a mereka asɛmpa no mede asɛmpa no bɛma kwa,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na memfa asɛmpa no ho tumi a mewɔ no nni dwuma kwammɔne soɔ.
19 Na made me ho afiri nnipa nyinaa ho deɛ, nanso mayɛ me ho akoa+ ama obiara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya+ nnipa pii. 20 Enti meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafoɔ,+ na manya Yudafoɔ; wɔn a wɔwɔ mmara ase no, meyɛɛ me ho sɛ deɛ ɔwɔ mmara ase maa wɔn,+ ɛwom sɛ me ara menni mmara ase+ deɛ, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no. 21 Wɔn a wɔnni mmara no,+ meyɛɛ me ho sɛ deɛ ɔnni mmara maa wɔn,+ ɛwom, ɛnyɛ sɛ menni mmara ase wɔ Onyankopɔn mu na mmom mewɔ mmara ase+ wɔ Kristo mu,+ na manya wɔn a wɔnni mmara no. 22 Wɔn a wɔyɛ mmerɛ no, meyɛɛ mmerɛ maa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛ.+ Mayɛ biribiara ama nnipa ahodoɔ nyinaa,+ sɛdeɛ ɛyɛ deɛn ara a, mɛgye ebinom nkwa. 23 Na asɛmpa no nti na meyɛ adeɛ nyinaa, na ama me ne afoforɔ anya mu kyɛfa.+
24 Monnim sɛ ammirikatufoɔ+ a wɔsi akan nyinaa tu mmirika no deɛ, nanso baako pɛ na ɔnya nkonimboɔ+ no? Montu mmirika+ no saa na mo nsa aka.+ 25 Bio nso, obiara a ɔde ne ho hyɛ akansie mu no hyɛ ne ho so+ nneɛma nyinaa mu. Nanso wɔn fam no, wɔyɛ na wɔanya abotire a ɛsɛeɛ,+ na yɛn deɛ, deɛ ɛrensɛeɛ.+ 26 Ne saa nti mmirika a metuo+ no, mentu no biarabiara; akuturuku a meretotoɔ no, mehwɛ na mantoto no sɛdeɛ mereboro mframa;+ 27 na mmom medi me nipadua nya,+ na mehyɛ no sɛ akoa, na berɛ a maka asɛm no akyerɛ afoforɔ no, me ara manyɛ obi a ɔmfata+ ɛkwan bi so.