39 “Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ?+
Na ɔforoteɛ awoko berɛ+ nso, wonim?
2 Wobɛtumi akan abosome dodoɔ a ɛdie?
Anaasɛ wonim berɛ pɔtee a wɔde woɔ?
3 Wɔkoto wo wɔn mma,
Na wɔyi wɔn awoɔ yea gu.
4 Wɔn mma hurihuri, wɔyeyɛ akɛseɛ wɔ wuram;
Wɔfiri adi kɔ, na wɔnsan mma wɔn nkyɛn bio.
5 Hwan na ɔmaa serɛ so afunumu+ dee ne ho,
Na hwan na ɔsanee wuram pɔnkɔ nhoma,
6 Deɛ mede serɛ so ama no sɛ ne fie
Na nkyene kuro+ yɛ ne tenabea no?
7 Kuro mu gyegyeegye maa no sereeɛ;
Na ɔpamofoɔ dede+ nso, ɔnte.
8 Ɔkyinkyini mmepɔ so pɛ adidibea,+
Na ɔhwehwɛ wura biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.+
9 Ɛkoɔ bɛpene so asom wo?+
Anaa ɔbɛda wo mmoa adididaka ho anadwo?
10 Wobɛtumi de homa akyekyere ɛkoɔ wɔ afuo mu?
Anaa ɔbɛdi w’akyi afuntum+ asasetamaa?
11 N’ahoɔden dodoɔ nti, wode wo ho bɛto ne so anaa?
Na wode w’adwuma bɛhyɛ ne nsa?
12 Wobɛnya ne mu awerɛhyem sɛ ɔde wo nnɔbaeɛ bɛbrɛ wo?
Na ɔbɛboaboa ano aba w’ayuporobea?
13 Sohori de ahosɛpɛ bɛbɔ ne ntaban mu?
Anaa ɔwɔ asukɔnkɔn+ ntaban ne ne ntakra?
14 Ɔgya ne nkosua gu asase mu,
Na mfuturo mu na ɔma no nya ɔhyew,
15 Na ne werɛ firi sɛ obi nan bɛtumi abobɔ no,
Anaa wuram aboa bi bɛtumi atiatia so.
16 Ɔnhwɛ ne mma yie; ɔyɛ wɔn sɛ deɛ wɔnyɛ ne mma+—
Ɔnsuro adeɛ nti, ɔbrɛ gu.
17 Onyankopɔn ama nyansa abɔ no,
Na wamma no annya nteaseɛ.+
18 Sɛ ɔbɔ ne ntaban mu wɔ soro a,
Ɔsere pɔnkɔ ne ɛsotefoɔ.
19 Wobɛtumi ama pɔnkɔ ahoɔden?+
Na wobɛtumi de nwi ahyehyɛ ne kɔn mu?
20 Wobɛtumi ama no ahurihuri sɛ ntutummɛ?
Sɛ ɔporo ne hwene mu ahantan so a, ɛyɛ hu.+
21 Ɔde ne nan pempem fam+ wɔ asasetamaa so, na ɔde ahoɔden hurihuri;
Ɔfiri adi kɔhyia akodeɛ.+
22 Ɔhunu ahudeɛ a, ɔsere, na ɛmmɔ no hu;+
Na nkrantɛ nso, ɔnsan mfiri animu.
23 Agyan woso ne so,
Ɛne pea ne pɛmɛ.
24 Ɔpempem fam, na ɔde anibereɛ mene asase,
Na sɛ ɔte abɛn nnyegyeeɛ a, ne dɛ nti, ɔgye ho akyinnyeɛ.
25 Ɔnya te abɛn pɛ a, ɔka sɛ, Ahãã!
Ɔwɔ akyirikyiri mpo a, ɔte ɛko ho hwa,
Ɔte ahemfo gyegyeegye ne ɛko nteamu.+
26 Wo nyansa nti na akorɔma tu kɔ sorosoro
Na ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anafoɔ mframa?
27 Anaa wo na wohyɛ ma ɔkɔdeɛ+ tu kɔ soro
Kɔyɛ ne pirebuo wɔ sorosoro,+
28 Na ɔtena botan so, da hɔ anadwo,
Baabi a ɔbotan ano hwirenhwiren a obiara ntumi nkɔ hɔ no?
29 Ɛhɔ na ɔfiri hwehwɛ aduane;+
N’ani hwɛ adeɛ akyirikyiri.
30 Na ne mma nso fefe mogya;
Baabi a afunu wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”+