Galatifoɔ
1 Me Paulo+ a meyɛ ɔsomafoɔ,+ a ɛnyɛ nnipa na wɔyii me anaasɛ wɔamfa amfa onipa bi soɔ, na mmom Yesu Kristo+ ne Agya Onyankopɔn+ a ɔnyanee no firii awufoɔ mu+ no na wɔyii me, 2 ne anuanom a wɔka me ho+ nyinaa, de kɔma Galatia asafo+ ahodoɔ:
3 Adom ne asomdwoeɛ+ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo. 4 Ɔno na yɛn bɔne+ nti ɔde ne ho maeɛ na ama wagye yɛn afiri seesei wiase nhyehyɛeɛ+ bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no pɛ,+ 5 na ɔno na animuonyam nka no daa daa.+ Amen.
6 Ɛyɛ me nwanwa sɛ moretwe mo ho ntɛm saa afiri Deɛ+ ɔnam Kristo adom+ so afrɛ mo no ho akɔ asɛmpa foforɔ+ bi ho. 7 Nanso ɛnyɛ foforɔ biara; ɛno ara ne sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔreha mo,+ na wɔpɛ sɛ wɔdane Kristo asɛmpa no ani.+ 8 Na sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfoɔ bi firi soro bɛka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo wɔ asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no akyi a, ɔnnue.+ 9 Sɛdeɛ yɛadi kan aka no, mesan ka bio sɛ, obiara a ɔka asɛmpa foforɔ bi kyerɛ mo wɔ deɛ moagyeɛ yi akyi+ no, ɔnnue.
10 Ɛnneɛ afei, nnipa na mepɛ sɛ wɔte me aseɛ anaasɛ Onyankopɔn? Anaasɛ mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani?+ Sɛ meda so sɔ nnipa ani+ a, anka menyɛ Kristo akoa.+ 11 Anuanom, merema moahunu sɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no nyɛ nnipa dea;+ 12 deɛ ɛteɛ ne sɛ, mannya no nnipa nkyɛn, na wɔankyerɛ me nso, ɛyɛ Kristo mmom na ɔyii no adi kyerɛɛ me.+
13 Menim sɛ moate suban a na mekura kane no wɔ Yudasom mu,+ sɛ metaa+ Onyankopɔn asafo maa no traa so, na mepɛɛ sɛ mesɛe no koraa,+ 14 na medii m’atipɛnfoɔ a wɔwɔ me man mu no mu pii kan wɔ Yudasom mu,+ ɛfiri sɛ mebɔɔ m’agyanom atetesɛm+ ho mmɔden+ kyɛn so koraa. 15 Nanso berɛ a Onyankopɔn a ɔyii me firii me maame yam, na ɔnam n’adom+ so frɛɛ+ me no hunuu sɛ ɛyɛ 16 sɛ ɔyi ne Ba no adi ma me+ na ama maka ne ho asɛmpa akyerɛ amanaman+ no, me ne honam ne mogya+ antu agyina amonom hɔ ara. 17 Saa ara nso na mankɔ wɔn a wɔdii me kan sɛ asomafoɔ+ no nkyɛn Yerusalem, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan baa Damasko+ bio.
18 Afei mfeɛ mmiɛnsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem+ kɔsraa Kefa,+ na metenaa ne nkyɛn nnafua dunum. 19 Na manhunu asomafoɔ nkaeɛ no mu biara gye Awurade nua+ Yakobo+ nko ara. 20 Afei ɛdefa deɛ meretwerɛ mo yi ho no, hwɛ! Onyankopɔn anim no, menni atorɔ.+
21 Ɛno akyi no, mekɔɔ+ Siria ne Kilikia amantam mu. 22 Nanso na Yudea asafo ahodoɔ a wɔwɔ Kristo mu+ no nhunuu m’anim da; 23 deɛ na wɔtaa teɛ ara ne sɛ: “Onipa a berɛ bi a atwam no na ɔtaa+ yɛn no, afei deɛ, ɔka gyidie a kane no na ɔko tia+ no ho asɛmpa.” 24 Na me nti wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.+