Asomafoɔ Nnwuma
5 Nanso, ɔbarima bi a ne din de Anania, ne ne yere Safira nso tɔn agyapadeɛ bi, 2 na ɔyii deɛ wɔnyaeɛ no bi sieeɛ, a ne yere nso nim ho asɛm, na ɔde ne fã bi pɛ bɛguu asomafoɔ no nan ase.+ 3 Na Petro kaa sɛ: “Anania, adɛn nti na Satan+ apirim w’akoma sɛ bɛdi atorɔ+ kyerɛ honhom kronkron+ na yi deɛ wonyaa no asase no ho no bi sie? 4 Berɛ dodoɔ a na ɛwɔ wo nsam no, na ɛnyɛ wo dea anaa, na wotɔneeɛ no, na ɛnna so nyɛ wo dea? Adɛn nti na wobɔɔ pɔ a ɛte saa w’akomam? Onyankopɔn na woadi atorɔ+ akyerɛ no, na ɛnyɛ nnipa.”+ 5 Anania tee asɛm yi no ɔhwee ase wuiɛ.+ Na ehu+ kɛseɛ kaa wɔn a wɔtee ho asɛm no nyinaa. 6 Na mmeranteɛ no sɔre de ntoma kyekyeree+ no, na wɔsoaa no firii adi kɔsiee no.
7 Afei bɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere baeɛ a na ɔnnim deɛ asie. 8 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka kyerɛ me, mo mmienu tɔn asase no de gyee saa?” Ɔkaa sɛ: “Aane, yɛde gyee saa.” 9 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na mo mmienu ayɛ adwene sɛ mobɛsɔ Yehowa honhom ahwɛ?+ Hwɛ! Wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no anammɔn na ɛwɔ pono ano no, na wɔbɛsoa wo akɔ.” 10 Amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wuiɛ.+ Berɛ a mmeranteɛ no baeɛ no, wɔhunuu sɛ wawu, na wɔsoaa no firii adi kɔsiee no, ne kunu nkyɛn. 11 Ɛnna ehu kɛseɛ kaa asafo mũ no ne wɔn a wɔtee nsɛm yi nyinaa.
12 Bio nso, wɔnam asomafoɔ no so yɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ afoforɔ bebree wɔ nnipa no mu,+ na na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Solomon abrannaa+ no so. 13 Nokorɛm no, nnipa a aka no mu biara annya akokoɔduro amfa ne ho ammɔ wɔn;+ nanso, nkurɔfoɔ kamfoo wɔn.+ 14 Deɛ ɛsene saa no, wɔn a wɔagye Awurade adie no kɔɔ so bɛkaa wɔn ho, mmarima ne mmaa pii,+ 15 na mpo wɔde ayarefoɔ baa abɔnten bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ Petro retwam a, anyɛ yie koraa no ne sunsum bɛtɔ wɔn mu bi soɔ.+ 16 Afei, nnipa pii firi nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no mu baeɛ, a wɔsõsõ ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fĩ ha wɔn, na wɔsaa wɔn nyinaa yareɛ.
17 Na ɔsɔfo panin no ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa, Sadukifoɔ fekuo a na wɔwɔ hɔ saa berɛ no sɔreeɛ, na ahoɔyaa a ahyɛ wɔn mã+ nti, 18 wɔkyee asomafoɔ no de wɔn guu afiase.+ 19 Na anadwo no, Yehowa bɔfoɔ+ buee afiase apono+ no de wɔn firii adi kaa sɛ: 20 “Monsi kwan so nkɔ, na monkɔgyina asɔrefie hɔ, na monkɔ so nka nkwa+ yi ho nsɛm nyinaa nkyerɛ nkurɔfoɔ no.” 21 Wɔtee yei no, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ ahemadakye na wɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ.
Na ɔsɔfo panin no ne wɔn a wɔka ne ho no bɛduruiɛ no, wɔfrɛɛ Sanhedrin no ne Israel mma mpanimfoɔ badwa nyinaa bɛhyiaeɛ,+ na wɔsoma kɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra. 22 Nanso berɛ a awɛmfoɔ no duruu hɔ no, wɔanhu wɔn afiase hɔ. Enti wɔsan kɔbɔɔ amanneɛ, 23 kaa sɛ: “Yɛhunuu sɛ wɔatoto afiase no nyinaa mu dendeenden a awɛmfoɔ no gyinagyina apono ano, nanso yɛbueeɛ no yɛanhunu obiara wom.” 24 Berɛ a asɔrefie hwɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn adwene tu fraeɛ a wɔnnim deɛ nsɛm yi bɛkɔ akɔwie.+ 25 Afei ɔbarima bi bɛbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ: “Hwɛ! Mmarima a mode wɔn guu afiase no wɔ asɔrefie hɔ, na wɔgyinagyina hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no.”+ 26 Enti ɔhwɛfoɔ no ne n’awɛmfoɔ kɔfaa wɔn baeɛ, nanso wɔanyɛ wɔn basabasa, ɛfiri sɛ na wɔsuro+ sɛ nkurɔfoɔ no bɛsi wɔn aboɔ.
27 Enti wɔde wɔn bɛgyinaa Sanhedrin no asa so. Na ɔsɔfo panin no bisabisaa wɔn nsɛm 28 na ɔkaa sɛ: “Yɛhyɛɛ+ mo dendeenden sɛ monnkyerɛkyerɛ edin yi mu bio, nanso, hwɛ! mode mo nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem mã,+ na moabɔ mo tirim sɛ mode onipa yi mogya+ bɛba yɛn so.” 29 Petro ne asomafoɔ a aka no buaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn sɛ sodifoɔ mmom sene nnipa.+ 30 Yɛn agyanom Nyankopɔn nyanee+ Yesu a mosɛn no dua so,+ na mokum no no. 31 Oyi na Onyankopɔn maa ne so sɛ Ɔsafohene+ ne Agyenkwa+ kɔɔ ne nsa nifa soɔ,+ sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra+ ne bɔne fafirie.+ 32 Na yɛyɛ nsɛm yi ho adansefoɔ,+ na honhom kronkron+ a Onyankopɔn de ama wɔn a wɔtie no no nso adi adanseɛ.”
33 Berɛ a wɔtee yei no, ɛwowɔɔ wɔn yie na wɔpɛɛ sɛ wɔku wɔn.+ 34 Nanso Farisini bi a wɔfrɛ no Gamaliel+ sɔree Sanhedrin no mu, mmarakyerɛfoɔ a nkurɔfoɔ no nyinaa bu no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mmarima no mfiri adi kakra.+ 35 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel mmarima,+ monhwɛ mo ho yie wɔ deɛ moayɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ nnipa yi ho. 36 Hwɛ, berɛ bi a atwam no, Teuda sɔre kaa sɛ ɔyɛ obi,+ na mmarima a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan kɔkaa ne kuo no ho.+ Nanso wɔkuu no, na wɔn a wɔtiee no nyinaa bɔ hweteeɛ na ansi wɔn yie. 37 Ɔno akyi no, Galileani a ɔde Yuda nso sɔree nna a wɔretwerɛ din+ no mu, na ɔtwee nnipa dii n’akyi. Nanso saa ɔbarima no wuiɛ, na wɔn a wɔtiee no no nyinaa bɔ hweteeɛ. 38 Enti, mese mo wɔ deɛ ɛrekɔ so seesei yi ho sɛ, mommfa mo ho nnhyehyɛ wɔn nsɛm mu, na monnyaa wɔn; (ɛfiri sɛ, sɛ agyina anaa adwuma yi firi nnipa a ɛbɛgu;+ 39 nanso sɛ ɛfiri Onyankopɔn+ a, montumi ntu wɔn ngu;)+ anyɛ saa a, ɛbɛyɛ sɛ deɛ mo ne Onyankopɔn mmom na ɛreko.”+ 40 Ɔkaa yei no wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no hwee wɔn+ hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyae Yesu din no ho asɛm ka,+ na wɔgyaa wɔn.
41 Ɛnna yeinom de anigyeɛ+ firii Sanhedrin no anim kɔeɛ, ɛfiri sɛ wɔabu wɔn sɛ ne din nti wɔfata sɛ wɔgu wɔn anim aseɛ.+ 42 Na wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ, na wɔkaa Kristo Yesu ho asɛmpa+ wɔ asɔrefie ne afie afie+ daa a wɔannyaeɛ.+