Yohane
20 Nnawɔtwe no da a ɛdi kan no,+ Maria Magdalene kɔɔ ɛda no so ntɛm berɛ a esum da so wom, na ɔhunuu sɛ wɔayi boɔ no afiri ɛda no ano dada.+ 2 Ɛnna ɔde mmirika kɔɔ Simon Petro ne osuani foforɔ+ a Awurade pɛ n’asɛm no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu,+ na yɛnnim baabi a wɔde no akɔtoɔ.”
3 Afei Petro+ ne osuani foforɔ no firii adi de wɔn ani kyerɛɛ ɛda no so. 4 Wɔn mmienu no sɔɔ mmirika mu; nanso osuani baako no de mmirika a emu yɛ den dii Petro anim, na ɔduruu ɛda no ho kane. 5 Na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ɔhunuu nwera no sɛ ɛgu hɔ,+ nanso wankɔ mu. 6 Simon Petro nso dii n’akyi baeɛ, na ɔkɔɔ ɛda no mu. Na ɔhunuu nwera no sɛ ɛgu hɔ,+ 7 ne afei ntoma a wɔde bɔɔ ne ti no sɛ wɔabobɔ agu nkyɛn baabi a ɛnka nwera no ho. 8 Afei osuani a ɔduruu ɛda no ho kane no nso kɔɔ mu, na ɔhunuiɛ na ɔgye diiɛ. 9 Saa berɛ no na wɔntee twerɛsɛm no ase sɛ ɛtwa sɛ ɔnyane firi awufoɔ mu.+ 10 Enti asuafoɔ no san kɔɔ wɔn afie.
11 Maria deɛ, na ɔda so ara gyina ɛda no nkyɛn baabi a ɔresu. Afei berɛ a ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu, 12 na ɔhunuu abɔfoɔ+ mmienu a wɔhyehyɛ ntade fitaa sɛ baako te baabi a na Yesu amu no da no atifi na baako nso te anafoɔ. 13 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, adɛn na woresu?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na mennim baabi a wɔde no akɔtoɔ.” 14 Ɔkaa saa no, ɔdanee ne ho hwɛɛ n’akyi, na ɔhunuu sɛ Yesu gyina hɔ, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ Yesu.+ 15 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, adɛn na woresu? Hwan na worehwehwɛ no?”+ Ɔno deɛ, na ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, sɛ wo na woafa no afiri ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔtoɔ na menkɔfa no nkɔ.” 16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria!”+ Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ no Hebri mu sɛ: “Rabuni!” + (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ!”) 17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, na mennya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom si kwan so kɔ me nuanom+ nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya+ ne mo Agya ne me Nyankopɔn+ ne mo Nyankopɔn no+ nkyɛn.’” 18 Maria Magdalene bɛkaa deɛ asie kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Mahunu Awurade!” na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ waka yeinom nyinaa akyerɛ no.+
19 Afei ɛduruu saa da no anwummerɛ, a ɛyɛ nnawɔtwe no da a ɛdi kan no,+ ɛwom sɛ na Yudafoɔ no ho suro+ nti wɔatoto apono mu wɔ baabi a na asuafoɔ no wɔ deɛ, nanso Yesu ba+ bɛgyinaa wɔn mfimfini ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 20 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn.+ Afei asuafoɔ no dii ahurisie+ sɛ wɔahunu Awurade. 21 Ɛnna Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo. Sɛdeɛ Agya no asoma me no,+ me nso meresoma mo.”+ 22 Ɔkaa saa no, ɔhuu mframa guu wɔn so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnye honhom kronkron.+ 23 Obiara a mode ne bɔne bɛfiri no no,+ wɔde bɛfiri no; obiara a mobɛma ne deɛ atena hɔ no, wɔbɛma atena hɔ.”+
24 Nanso berɛ a Yesu baeɛ no, na Toma,+ dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nka wɔn ho. 25 Enti asuafoɔ nkaeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu Awurade!” Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ manhunu nnadewa no ananmu wɔ ne nsam, na mamfa me nsateaa anka nnadewa no ananmu na mamfa me nsa anka ne mfem a,+ merennye nni da.”+
26 Ne nnawɔtwe akyi no, na asuafoɔ no wɔ dan mu bio, na na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu baa mu bɛgyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 27 Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ: “Fa wo nsateaa ka ha, na hwɛ me nsam na fa wo nsa+ ka me mfem, na gyae akyinnyegyeɛ na gye di.” 28 Toma bua see no sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!”+ 29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woahu me nti na afei woagye adie? Anigyeɛ ne wɔn a wɔnhunu nanso wɔgye die.”+
30 Nokwasɛm nie, Yesu yɛɛ nsɛnkyerɛnne foforɔ bebree wɔ asuafoɔ no anim a wɔantwerɛ no nwoma yi mu.+ 31 Nanso wɔatwerɛ yeinom ato hɔ+ na moagye adi sɛ Yesu ne Kristo, Onyankopɔn Ba no, na ɛsiane sɛ mogye die+ nti monam me din so anya nkwa.