Hesekiel
24 Afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so du no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, twerɛ da yi din to hɔ, da yi ara. Babilon hene ato ahyɛ Yerusalem so saa da yi ara.+ 3 Enti bu atuateɛ fie+ yi bɛ na ka kyerɛ wɔn sɛ,
“‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Fa kukuo no si gya so na hwie nsuo gu mu.+ 4 Fa nankum+ a ɛyɛ biara bi gu mu, srɛ ne basa; na fa nnompe a ɛyɛ akɔnnɔ nso hyɛ no mã. 5 Hwehwɛ odwan a ne ho yɛ akɔnnɔ,+ na hyehyɛ nnyina wɔ aseɛ nyinaa. Fa nnompe ka nankum no ho na noa ma no mmen.”’”+
6 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mogyahwieguo kuro,+ due, kukuo a emu awe nnaakyen, kukuo a ne nnaakyen mfirii mu! Yi no nankum nankum firi mu,+ na mmɔ so ntonto.+ 7 Ne mogya gu ne mfimfini.+ Ɔde guu botan kwaboo so. Wamfa angu fam amfa dɔteɛ ankata so.+ 8 Deɛ ɛbɛyɛ a mɛtua ne ka+ m’abufuo mu nti, mede ne mogya agu botan kwaboo so na wɔankata so.’+
9 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mogyahwieguo kuro,+ due! Na mɛma aseɛ gya adɔɔso.+ 10 Fa nnyina bebree gu aseɛ. Ma egya no nnɛre. Noa nam no ma no mmen yie. Hwie ho nsuo na nnompe no nnɔ hyehyeehye. 11 Afei fa kukuo a hwee nni mu no si nnyasramma no so na ɛnnɔ. Ma ne kɔbere nnɔ, emu fĩ nnane,+ na emu nnaakyen nhye.+ 12 Ɛyɛ ɔhaw! Ɛyɛ ɔbrɛ, nanso ne nnaakyen bebree no amfiri mu.+ Egya mu na wɔmfa ne nnaakyen nguo!’
13 “‘W’afĩdeɛ mu na ahohwibra wɔ.+ Enti meyɛɛ sɛ mɛma wo ho ate, nanso wo ho ante amfiri w’afĩdeɛ no ho.+ Enti wo ho rente bio kɔsi sɛ mɛma m’abufuo awie wo soɔ.+ 14 Me Yehowa na maka.+ Ɛbɛba mu,+ na mɛyɛ nso. Meremmu m’ani ngu so,+ merenhu mmɔbɔ+ na merennu me ho.+ Wɔbɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan ne wo nneyɛɛ teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
15 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 16 “Onipa ba, mɛbɔ adeɛ a w’ani gye ho+ afiri hɔ,+ nanso mmɔ wo koko nni awerɛhoɔ, nsu, nte nisuo.+ 17 Gu ahome komm. Nni awufoɔ ho awerɛhoɔ.+ Bɔ w’abotire+ na hyɛ wo mpaboa.+ Nkata wo mfemfem so,+ na nni nnipa aduane.”+
18 Mekasa kyerɛɛ ɔman no anɔpa, na me yere wuu anwummerɛ. Enti anɔpa no meyɛɛ deɛ wɔka kyerɛɛ me no nyinaa. 19 Ɛnna ɔman no bisaa me sɛ: “Deɛ woreyɛ yi fa yɛn ho sɛn? Ka kyerɛ yɛn ɛ.”+ 20 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 21 ‘Ka kyerɛ Israel fie sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Merehura me kronkronbea+ no ho, deɛ mode hoahoa mo ho dendeenden no,+ deɛ mo ani gye ho+ a ɛma mo kra yam hyehye no no. Na mo mma mmarima ne mo mma mmaa a mogyaa wɔn akyire no bɛtotɔ nkrantɛ ano.+ 22 Na monyɛ sɛdeɛ mayɛ yi ara. Morenkata mo mfemfem so,+ na morenni nnipa aduane.+ 23 Mobɛbobɔ mo abotire ahyehyɛ mo mpaboa. Moremmɔ mo koko nni awerɛhoɔ, morensu,+ mobɛporɔ atete mo bɔne mu+ na moasi apini akyerɛ mo ho mo ho.+ 24 Na Hesekiel yɛ mo sɛnkyerɛnne.+ Na deɛ wayɛ nyinaa mo nso mobɛyɛ bi. Na sɛ ɛba mu a,+ mobɛhunu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.’”’”+
25 “Na wo, onipa ba, da a mɛyi wɔn dwankɔbea, deɛ wɔdi ho ahurisie, deɛ wɔn ani gye ho+ na wɔn kra kɔn dɔ, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa+ afiri hɔ no, 26 ɛnyɛ saa da no na deɛ wanya ne tiri adidi mu no bɛma woate amanneɛbɔ bi anaa?+ 27 Saa da no wobɛbue w’ano akyerɛ deɛ wanya ne tiri adidi mu+ no na woakasa, na worentɔre mum bio.+ Wobɛyɛ sɛnkyerɛnne+ ama wɔn na wɔahunu sɛ mene Yehowa.”+