13 Na sɛ wɔn nkurɔfoɔ wuwu gu wɔn abosom fĩ ntam,+ wɔn afɔrebukyia ho nyinaa,+ nkokoɔ atenten nyinaa so,+ mmepɔ nyinaa so,+ ne nnua kusuu+ ne nnua frɔmfrɔm nyinaa bi ase,+ faako a wɔbɔ afɔdeɛ hwamhwam ma wɔn abosom fĩ+ nyinaa no a, mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+