Yona
1 Yehowa ka kyerɛɛ Amitai ba Yona+ sɛ: 2 “Sɔre kɔ Niniwe+ kuropɔn no mu na ka kyerɛ kurom hɔfoɔ sɛ wɔn amumuyɔ atoatoa abɛduru m’anim.”+
3 Nanso Yona dwane firii Yehowa+ anim de n’ani kyerɛɛ Tarsis,+ na ɔkɔɔ Yopa+ kɔhunuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis. Enti ɔtuaa ka foro kɔtenaa mu sɛ ɔredwane Yehowa ne wɔn akɔ Tarsis.
4 Na Yehowa maa mframa kɛseɛ bi bɔ faa po no so,+ na ahum+ kɛseɛ bi tuiɛ, na hyɛn no yɛɛ sɛ deɛ ɛrebɛbɔ. 5 Afei na hyɛn no mu adwumayɛfoɔ suro, enti obiara su frɛɛ ne nyame.+ Na wɔfirii aseɛ yiyii nneɛma a ɛwɔ hyɛn no mu to guu po no mu sɛdeɛ emu bɛyɛ hare.+ Saa berɛ yi na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada+ hatee. 6 Afei hyɛn no mu panin kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nna wura, ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Sɔre frɛ wo nyame+ ɛ! Ebia nokorɛ Nyankopɔn no bɛhu yɛn mmɔbɔ na yɛanwuwu.”+
7 Na wɔka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛmmɔ ntonto+ na yɛnhunu deɛ wama mmusuo+ yi aba.” Berɛ a wɔbɔɔ ntonto no, ɛbɔɔ Yona.+ 8 Enti wɔsee no sɛ: “Yɛsrɛ wo, ka kyerɛ yɛn: Hwan na ama mmusuo+ yi aba yɛn soɔ? Adwuma bɛn na woyɛ, na ɛhe na wofire? Ɔman bɛn so na wofire, na wo kurom ne he?”
9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Meyɛ Hebrini+ na mesom+ ɔsoro+ Nyankopɔn Yehowa, deɛ ɔbɔɔ po ne asase+ no.”
10 Afei na nnipa no suro, na wɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”+ Ná nkurɔfoɔ no nim sɛ ɔredwane Yehowa, ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn. 11 Afei wɔsan bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ woɔ+ na po no ano adwo ama yɛn?” Saa berɛ no na po no gu so ara rehuru dendeenden. 12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma me so nto po no mu na ano bɛdwo, ɛfiri sɛ menim sɛ me nti na ahum kɛseɛ yi aba mo soɔ.”+ 13 Nanso mmarima no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde hyɛn no bɛfa ahum no mu aba mpoano, nso wɔantumi ɛfiri sɛ na mframa no rebɔ hyia wɔn dendeenden.+
14 Afei wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa sɛ:+ “O Yehowa, yɛsrɛ wo mma yɛnnwuwu ɛsiane ɔbarima yi kra nti! Na mfa mogya a ɛnni fɔ+ ho asodie nto yɛn so, ɛfiri sɛ wo Yehowa, deɛ ɛsɔ w’ani na woayɛ yi!”+ 15 Afei wɔmaa Yona so too po no mu, na po no dwoeɛ.+ 16 Na nnipa no firii aseɛ suroo Yehowa papaapa,+ enti wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Yehowa,+ na wɔhyehyɛɛ bɔ.+
17 Na Yehowa maa apataa kɛseɛ bi ba bɛmenee Yona,+ na Yona dii apataa no yam nnansa, awia ne anadwo.+