Adiyisɛm
8 Berɛ a ɔtee+ nsɔano a ɛtɔ so nson no ano no,+ ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ dɔnhwere fã. 2 Na mehunuu abɔfoɔ nson+ a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmaa wɔn ntotorobɛnto nson.
3 Afei ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia+ no ho a ɔkura sika aduhwam kuruwa; na wɔmaa no aduhwam+ pii sɛ ɔmfa nka akronkronfoɔ nyinaa mpaebɔ ho mmɔ afɔdeɛ wɔ sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so. 4 Na aduhwam no wisie firii ɔbɔfoɔ no nsam kaa akronkronfoɔ no mpaebɔ+ ho foro kɔɔ Onyankopɔn anim. 5 Ɛhɔ ara na ɔbɔfoɔ no faa aduhwam kuruwa no de afɔrebukyia so gya+ no bi hyɛɛ no mã, na ɔto guu asase so.+ Na aprannaa+ ne nne ahodoɔ ne anyinam+ ne asasewosoɔ+ baeɛ. 6 Na abɔfoɔ nson a wɔkurakura ntotorobɛnto+ nson+ no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.
7 Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na asukɔtweaa ne egya+ a ɛne mogya adi afra baeɛ, na wɔto guu asase so; na asase no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ,+ na nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, na wura mono+ nyinaa hyeeɛ.
8 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na wɔtoo biribi te sɛ bepɔ+ kɛseɛ a ɛrehyeɛ too po mu.+ Na ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya;+ 9 na ɛpo mu abɔdeɛ a wɔwɔ akra no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ,+ na akodoɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako sɛeeɛ.
10 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre te sɛ kanea firi soro bɛhwee hɔ,+ na ɛhwee nsubɔnten mmiɛnsa mu baako ne nsutire so.+ 11 Na nsoromma no din de Awɔnwono. Na nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee awɔnwono, na nsuo no maa nnipa pii wuwuiɛ ɛfiri sɛ na ayɛ nwono.+
12 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na awia nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ne bosome nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ho kaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na emu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛduru sum+ na adekyeeɛ nkyɛmu mmiɛnsa+ mu baako annya hann na anadwo nso saa ara.
13 Na mehunuiɛ, na metee sɛ ɔkɔdeɛ+ bi a watu nam wiem+ de nne kɛseɛ reka sɛ: “Monnue, monnue, monnue,+ mo a mote asase soɔ, ntotorobɛnto+ a aka a abɔfoɔ mmiɛnsa no rebɛhyɛne no nnyegyeeɛ nti!”