Galatifoɔ
5 Ahofadie a ɛte saa nti na Kristo ama yɛade yɛn ho.+ Enti monnyina pintinn,+ na mommma wɔnnka mo nnhyɛ nkoayɛ kɔndua ase bio.+
2 Hwɛ! Me Paulo, mese mo sɛ sɛ wɔtwa mo twetia+ a, Kristo ho remma mo mfasoɔ biara. 3 Afei nso, medi onipa biara a wɔtwa no twetia adanseɛ bio sɛ ɛyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa soɔ.+ 4 Mo mu biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde mmara bɛbu ne ho bem+ no atwe ne ho afiri Kristo ho; wawae afiri n’adom+ ho. 5 Yɛn deɛ, yɛnam honhom so retwɛn tenenee a yɛn ani da so a ɛgyina gyidie so no dendeenden.+ 6 Na Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonoto ho nni mfasoɔ biara,+ na mmom gyidie+ a ɛyɛ adwuma ɔdɔ+ mu.
7 Motuu mmirika yie,+ na hwan na ɔsii mo kwan sɛ afei deɛ, monntie nokorɛ no bio?+ 8 Saa nsɛm yi mfiri Onii a wafrɛ mo no.+ 9 Mmɔreka kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa ka.+ 10 Mewɔ awerɛhyem+ sɛ mo a mowɔ Awurade mu+ no rennya adwene foforɔ biara; na deɛ ɔreha mo no,+ sɛ ɔyɛ hwan mpo a, ɔbɛnya n’atemmuo.+ 11 Me deɛ, anuanom, sɛ twetiatwa ho asɛm na meda so ka a, adɛn nti na anka wɔda so taa me? Sɛ saa a, ɛnneɛ na wɔayi asɛndua+ ho suntidua+ no afiri hɔ.+ 12 Me yam a, anka wɔn a wɔpɛ mo asehweɛ+ no adane ayitotofoɔ.+
13 Anuanom, monim sɛ wɔafrɛ mo sɛ mommɛnya ahofadie,+ nanso mommma ahofadie yi mmmɛyɛ nnyinasodeɛ mmma honam,+ na mmom momfa ɔdɔ nsonsom mo ho.+ 14 Na Mmara no nyinaa ba mu+ asɛm baako mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 15 Nanso sɛ mokɔ so keka mo ho na momemene mo ho a,+ ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho.+
16 Me deɛ, mese mo sɛ: Monkɔ so nnante honhom+ mu, na honam akɔnnɔ remma mo akwan mu koraa.+ 17 Na honam akɔnnɔ ne honhom+ di asie, na honhom ne honam di asie, na mmienu no nka, enti deɛ mopɛ sɛ moyɛ no montumi nyɛ.+ 18 Afei nso sɛ honhom kyerɛ mo kwan+ a, na monni mmara ase.+
19 Ɔhonam nnwuma no da adi pefee;+ ɛne adwamammɔ,+ afĩdeɛ, ahohwie,+ 20 abosonsom, ahonhonsɛmdie,+ nitan, ntawantawadie, ahoɔyaa, bobɔne, mansotwe, mpaepaemu, fekusɛm, 21 anibereɛ, nsaweɛ,+ anigyeɛ ntrasoɔ, ne nneɛma a ɛtete saa. Yeinom ho na merebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ medii kan bɔɔ mo kɔkɔ no, sɛ wɔn a wɔyɛ+ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahennie.+
22 Afei honhom no aba+ ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ,+ gyidie, 23 ɔdwoɔ, ahosodie.+ Mmara biara ntia yeinom.+ 24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no deɛ, wɔabɔ honam akɔnnɔ ne n’apɛdeɛ asɛndua mu.+
25 Sɛ yɛte ase honhom mu a, ɛnneɛ momma yɛnkɔ so nni honhom+ no akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ. 26 Mommma yɛmmpɛ animuonyamhunu, nnsi akan,+ mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.+