Ɔsoro-forɔ Dwom.
132 O Yehowa, kae Dawid+
Animguaseɛ nyinaa;+
2 Sɛdeɛ ɔkaa Yehowa ntam;+
Sɛdeɛ ɔkaa Yakob Tumfoɔ+ no ntam sɛ:+
3 “Merenkɔ me fie ntomadan mu.+
Meremforo me mpa nkɔ me nnasoɔ so,+
4 Meremma nna mma m’ani so,+
Na anikum remma m’ani so,+
5 Kɔsi sɛ mɛnya baabi ama Yehowa,+
Na manya ntomadan kɛseɛ ama Yakob Tumfoɔ no.”+
6 Hwɛ! Yɛate ho asɛm wɔ Efrata,+
Yɛahunu no kwaeɛ asase so.+
7 Momma yɛnkɔ ne ntomadan kɛseɛ no mu;+
Momma yɛnkoto ne nan ntiasoɔ anim.+
8 O Yehowa, sɔre kɔ wo homebea ɛ,+
Wo ne w’ahoɔden Adaka+ no.
9 Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee,+
Na ma w’anokwafoɔ nto ahurisi dwom.+
10 W’akoa Dawid nti,+
Nnane deɛ woasra no no ani.+
11 Yehowa aka Dawid ntam,+
Nokorɛm no ɔrentwe nsan:+
“Wo yafunu mu aba+
Na mede no bɛsi w’ahennwa soɔ.+
12 Sɛ wo mma di m’apam so+
Na wɔdi me nkaesɛm a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,+
Wɔn mma nso bɛtena
W’ahennwa so daa daa.”+
13 Sion na Yehowa ayie;+
Ɔpɛ sɛ ɔde yɛ ne tenabea:+
14 “Yei ne me homebea kɔsi daa;+
Ɛha na mɛtena ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ.+
15 Hyira na mɛhyira ne nnɔbaeɛ soɔ.+
Mɛma n’ahiafoɔ anya aduane adi amee.+
16 Nkwagyeɛ na mede bɛfira n’asɔfoɔ;+
N’anokwafoɔ bɛto ahurisi dwom.
17 Ɛhɔ na mɛma Dawid abɛn afifi.+
Masiesie kanea ama deɛ masra no no.+
18 Aniwuo na mede bɛfira n’atamfo;+
Na ɔno deɛ, n’ahemmotire+ bɛnya nkɔsoɔ.”+