Sefania
3 Ɔbaa tuatefoɔ a wagu ne ho fĩ no nnue, kuro a ɛyɛ nhyɛsoɔ!+ 2 Wanyɛ aso antie+ annye ntenesoɔ;+ wamfa ne ho anto Yehowa so+ ammɛn ne Nyankopɔn.+ 3 Ne mpanimfoɔ yɛ agyata a wɔbobom.+ N’atemmufoɔ yɛ anadwo mpataku, na wɔnnya nnompe mma adeɛ nkye so.+ 4 N’adiyifoɔ yɛ dwɛɛ, na nkontompo ayɛ wɔn mã.+ N’asɔfoɔ agu akronkronneɛ ho fĩ, na wɔabu mmara no kɔn mu.+ 5 Yehowa yɛ ɔteneneeni wɔ ne mu,+ na ɔnni amumuyɔsɛm.+ Anɔpa biara ɔda n’atemmusɛm+ adi. Na adekyeeɛ nso, ɛnsa.+ Nanso ɔbɔnefoɔ nnim aniwuo.+
6 “Mesɛee aman, na wɔn ntwea so aban yɛɛ pasaa. Mesɛee wɔn atempɔn, na obiara amfa so. Wɔn nkuro danee amamfõ; na obiara nni mu, na obiara nte hɔ.+ 7 Mekaa sɛ, ‘Ɛkwan biara so wobɛsuro me na woagye ntenesoɔ,’+ na wɔansɛe ne tenabea.+ Mɛma no atwa ne bɔne nyinaa so aba.+ Nokorɛm no, wɔmaa wɔn nneyɛɛ danee bɔne+ ntɛm.
8 “‘Enti afei montwɛn me,’+ Yehowa asɛm nie, ‘nkɔsi sɛ mɛsɔre aba asadeɛ no ho,+ ɛfiri sɛ m’atemmusɛm ne sɛ mɛka aman nyinaa abom+ aboaboa ahennie nyinaa ano, na mɛhwie m’abufuo,+ m’abufuhyeɛ nyinaa, agu wɔn so. Na m’anibereɛ gya mu na asase no nyinaa bɛhyeɛ.+ 9 Afei mɛdane aman no ano ama wɔaka kasa kronn,+ na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din+ na wɔde mmati korɔ asom no.’+
10 “Na wɔn a wɔrepa me kyɛw no, kyerɛ sɛ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ wɔn apete no babaa, de akyɛdeɛ bɛfiri Etiopia asubɔnten ho abrɛ me.+ 11 Saa da no, w’ani renwu sɛ woyɛɛ nneɛma de tõõ me mmara,+ ɛfiri sɛ mɛyi ahantanfoɔ a wɔhoahoa wɔn ho no afiri wo mu;+ na woremma wo ho so bio wɔ me bepɔ kronkron no so.+ 12 Mɛma ahobrɛasefoɔ ne wɔn a wɔdwoɔ+ aka ama wo, na wɔde Yehowa din bɛyɛ wɔn dwankɔbea.+ 13 Na Israel nkaefoɔ+ no deɛ, wɔrenyɛ deɛ ɛntene biara,+ wɔrenni atorɔ,+ na wɔrenhunu nnaadaa kɛtrɛma wɔ wɔn anom;+ wɔbɛdidi adwodwo wɔn ho,+ na obiara renyi wɔn hu.”+
14 O Sion babaa, bɔ ose! O Israel, sɛpɛ wo ho!+ O Yerusalem babaa, ma w’ani nnye na fa w’akoma nyinaa di ahurisie!+ 15 Yehowa ayi atemmuo no afiri wo so.+ Wama wo tamfo asan n’akyi.+ Israel hene Yehowa ka wo ho.+ Enti worensuro mmusuo biara bio.+ 16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: “O Sion, nsuro,+ na mma wo nsam nngo.+ 17 Yehowa wo Nyankopɔn wɔ wo mu. Ɔyɛ otumfoɔ, enti ɔbɛgye nkwa.+ N’ani bɛgye na wadi wo ho ahurisie.+ Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm. Na wo nti, ɔde ahosɛpɛ bɛgye n’ani.
18 “Wɔn a wɔn werɛ aho+ a wɔnni w’afahyɛ ase no, mɛboaboa wɔn ano;+ wɔnka wo ho, ɛfiri sɛ n’ahohorabɔ gu wɔn so.+ 19 Saa berɛ no, mɛkanyan me ho wɔ wɔn a wɔha woɔ no nyinaa so.+ Mɛgye deɛ ɔtɔ gu ne nan soɔ no+ na maka wɔn a wɔahweteɛ no aboa ano.+ Na mede wɔn bɛyɛ ayeyie ne edin wɔ asase a wɔn anim guu ase wɔ soɔ no nyinaa so. 20 Sɛ meboaboa mo ano saa berɛ no a, mede mo bɛba. Na sɛ meboaboa mo nnommum ano de wɔn brɛ mo a, mɛma moayɛ edin ne ayeyie wɔ asase sofoɔ nyinaa mu,” Yehowa na aka.+