Hesekiel
27 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, twa Tiro ho kwadwom.+ 3 Na ka kyerɛ Tiro sɛ:
“‘Wo a wote po aboboano,+ odwadini a wo ne nsuano aman pii di dwa,+ deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Tiro, wo na wokaa sɛ, ‘M’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.’+ 4 W’asase da po akomam tɔnn.+ Wɔn a wɔyɛɛ woɔ ama w’ahoɔfɛ awie pɛyɛ.+ 5 Senir+ popaw mu mpuna na wɔde yɛɛ wo ho nyinaa, na Lebanon+ tweneduro na wɔde yɛɛ wo hyɛnnua. 6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono. Na Kitim+ nsupɔ so kwabɔhorɔ a wɔde asommɛn asiesie ho na wɔde yɛɛ w’anim. 7 Egypt nwera a ɛyɛ fɛ+ na wɔde yɛɛ wo so ntoma, wo mframatoma. Na homa bruu+ ne tankɔkɔɔ+ a ɛfiri Elisah+ nsupɔ so na wɔde yɛɛ wo nkatasoɔ.
8 “‘“Sidonfoɔ+ ne Awadfoɔ+ ne w’aharefoɔ. O Tiro, w’animdefoɔ+ a wɔwɔ wo mu no bɛyɛɛ w’ahyɛn mu adwumayɛfoɔ.+ 9 Gebal+ mpanimfoɔ ne emu animdefoɔ na wɔtuatuaa wo mu ntokuro.+ Na po so ahyɛn ne emu adwumayɛfoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii dwa. 10 Persia+ ne Ludim+ ne Put+ mmarima yɛ w’asraafoɔ, w’akofoɔ. Wɔde ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ sensɛn wo ho;+ wɔn na wɔmaa woyɛɛ kɛseɛ. 11 Awadfoɔ+ ne w’asraafoɔ atwa w’afasuo ho ahyia, na mmarima akokoɔdurofoɔ wɔ w’aban so. Wɔde wɔn akyɛm sensɛn w’afasuo ho hyiaeɛ,+ na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
12 “‘“Wo ne Tarsis+ dii dwa, nnepa ahodoɔ pii nti.+ Wode wo nneɛma maa no de gyee ne dwetɛ, dadeɛ, sanyaa, ne sumpii.+ 13 Wo ne Yawan+ ne Tubal+ ne Mesek+ dii dwa. Na wode w’adwadeɛ maa wɔn de gyee nnipa akra+ ne kɔbere nneɛma. 14 Wɔde apɔnkɔ ne ako-pɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ firi Togarma+ fie baeɛ de bɛgyee wo nneɛma. 15 Dedanfoɔ+ ne wo dii dwa; na nsuano aman bebree dii dwa maa wo, na wɔde asommɛn+ ne duaboɔ tuaa wo ka. 16 Edomfoɔ ne wo dii dwa, w’adwadeɛ pii nti. Na wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nsrammaboɔ,+ tankɔkɔɔ, nwentoma, mmota, ne aboɔden aboɔ kɔkɔɔ.
17 “‘“Wo ne Yuda ne Israel dii dwa. Wode w’adwadeɛ maa wɔn+ de gyee Minit+ ayuo,+ aduane pa, ɛwoɔ,+ ngo, ne balsam aduhwam.+
18 “‘“Wo ne Damasko+ dii dwa wɔ nneɛma pii mu, ɛfiri sɛ na wowɔ nnepa pii, na ɔno nso maa wo Helbon nsã+ ne odwan nwi a ani dum. 19 Wedan ne Yawan firi Usal baeɛ ne wo bɛdii dwa. Wɔde dadeɛ nneɛma ne kasia dua ne sibire hwamhwam+ brɛɛ wo de gyee w’adwadeɛ. 20 Wo ne Dedanfoɔ+ dii dwa maa wɔmaa wo nwentoma a wɔde to apɔnkɔ so tena soɔ. 21 Arabiafoɔ+ ne Kedar+ aberempɔn nyinaa dii dwa maa wo. Wɔdii nnwammaa ne adwennini ne mpapo+ ho dwa maa wo. 22 Wo ne Saba+ ne Raama+ adwadifoɔ dii dwa, na wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nnuhwam papa ne aboɔden aboɔ nyinaa bi ne sika kɔkɔɔ.+ 23 Wo ne Haran+ ne Kane ne Eden+ a wɔyɛ Saba,+ Asur+ ne Kilmad adwadifoɔ dii dwa. 24 Wɔne wo dii dwa, na wɔde ntadeɛ fɛfɛ, ngugusoɔ a wɔde ntoma bruu ne ntoma ahodoɔ ahodoɔ ayɛ, kuntu a wɔde asaawa mmienu abom ayɛ, ne ahoma a wɔakyinkyim no dendeenden baa wo dwa mu.
25 “‘“Tarsis+ ahyɛn soaa w’adwadeɛ maa wo, na ama woayɛ mã na w’anim aba nyam paa wɔ po akomam tɔnn.+
26 “‘“Wɔn a wɔhare woɔ no de wo aba ɛpo bunu mu pɛɛ,+ na apueeɛ mframa abubu wo wɔ po akomam tɔnn.+ 27 Wo nnepa ne nneɛma a wotɔn,+ w’adwadeɛ,+ w’ahyɛn mufoɔ ne emu adwumayɛfoɔ,+ wɔn a wɔtuatua wo mu ntokuro,+ w’adwadifoɔ ne w’akofoɔ+ nyinaa, w’asafo ne wɔn a wɔwɔ wo mu nyinaa bɛsɛe wɔ po akomam tɔnn, da a wobɛhwe aseɛ no.+
28 “‘“Wo hyɛn mu adwumayɛfoɔ bɛteam ama mpoano nsase awoso.+ 29 Wɔn a wɔkura atabono, ne hyɛn mufoɔ, ne po so adwumayɛfoɔ nyinaa bɛsisi afiri wɔn ahyɛn mu abɛgyinagyina asase so.+ 30 Wɔbɛma wɔn nne so asu wo yayaaya.+ Na wɔde mfuturo bɛgu wɔn atifi+ amunimuni wɔ nsõ mu.+ 31 Wo nti, wɔbɛbɔ tikwa+ afirafira atweaatam+ na wɔn kra de awerɛhoɔ asu wo yayaaya.+ 32 Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom atwa adwo sɛ,+
“‘“‘Hwan na ɔte sɛ Tiro,+ hwan na ɔte sɛ ɔno a wɔama no ayɛ komm wɔ po mfimfini yi?+ 33 Berɛ a wode w’adwadeɛ+ firi po so baeɛ no,+ womaa aman pii meeɛ.+ Wode wo nnepa pii ne w’adwadeɛ maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.+ 34 Afei po no abubu wo wɔ subunu mu tɔnn.+ Wo ne w’adwadeɛ ne w’asafo+ nyinaa amem. 35 Nsuano aman+ nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo, na awɔse bɛgu wɔn ahemfo.+ Na obiara bɛnyinya n’anim.+ 36 Adwadifoɔ a wɔfiri aman hodoɔ soɔ bɛbɔ wo so hwerɛma.+ Mɛma ehu abubu wo, na wɔrenhu wo bio da biara da.’”’”+