9 Me nkoa na wɔde bɛfiri Lebanon+ aba mpoano, na me nso makyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkorɔ;+ ɛhɔ na mɛma wɔasanesane na woabɛfa. Wo nso yɛ m’apɛdeɛ ma me na ma me fiefoɔ aduane.”+
10 Hwɛ! Wo nkoa a wɔboaboa nnua ano ne wɔn a wɔtwa nnua no, nnuane a mede bɛma wɔn nie: Ayuo, kor+ mpem aduonu; atokoɔ, kor mpem aduonu; bobesa,+ nhina mpem aduonu; ne ngo, nhina mpem aduonu.”
7 Na wɔde sika+ maa abopaefoɔ+ ne adwumfoɔ,+ na wɔde nnuane+ ne anonneɛ ne ngo+ maa Sidonfoɔ+ ne Tirofoɔ+ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro mfiri Lebanon+ mmɛgu Yopa+ mpoano mma wɔn sɛdeɛ Persia hene Kores+ ama wɔn kwan no.
20 Afei, n’ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na berɛ a wɔmaa Blasto a ɔhwɛ ɔhene daberɛ soɔ tee wɔn aseɛ no, wɔfirii aseɛ srɛ hwehwɛɛ asomdwoeɛ, ɛfiri sɛ na ɔhene no man no na ɛma wɔn man no aduane.+