7 Na wɔde sika+ maa abopaefoɔ+ ne adwumfoɔ,+ na wɔde nnuane+ ne anonneɛ ne ngo+ maa Sidonfoɔ+ ne Tirofoɔ+ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro mfiri Lebanon+ mmɛgu Yopa+ mpoano mma wɔn sɛdeɛ Persia hene Kores+ ama wɔn kwan no.
20 Afei, n’ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na berɛ a wɔmaa Blasto a ɔhwɛ ɔhene daberɛ soɔ tee wɔn aseɛ no, wɔfirii aseɛ srɛ hwehwɛɛ asomdwoeɛ, ɛfiri sɛ na ɔhene no man no na ɛma wɔn man no aduane.+