Mmebusɛm
29 Onipa a wɔtaa kasa kyerɛ no+ a ɔsene ne kɔn no,+ ɔbɛbu mpofirem, na ɔrennya ayaresa.+
2 Ateneneefoɔ dɔɔso a, ɔman di ahurisie;+ na ɔdebɔneyɛfoɔ di so a, ɔmanfoɔ si apini.+
3 Onipa a ɔdɔ nyansa ma ne papa di ahurisie,+ na deɛ ɔne nnwamanfoɔ bɔ no sɛe adeɛ.+
4 Ɔhene de atɛntenenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ɔgyegye adanmudeɛ dwiri gu.+
5 Ɔbarima a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko+ no gu n’anammɔn asau.+
6 Ɔbɔnefoɔ mmarato mu wɔ fidie,+ na ɔteneneeni to ahurisi dwom na n’ani gye.+
7 Ɔteneneeni nim abrɛfoɔ asɛm.+ Ɔdebɔneyɛfoɔ deɛ, saa nimdeɛ no mfa ne ho.+
8 Ahohoahoafoɔ sɔ kuro mu gya,+ na anyansafoɔ sianka abufuo.+
9 Onyansafoɔ a ɔne ɔkwasea di asɛm—ne bo fu na ɔsere, na home nnim.+
10 Mogyapɛfoɔ tan pɛyɛfoɔ;+ na teefoɔ deɛ, wɔhwehwɛ yiedie ma obiara kra.+
11 Ɔkwasea yi n’abufuo nyinaa adi, na onyansafoɔ dwodwo ne deɛ kɔsi aseɛ.+
12 Sɛ sodifoɔ tie atosɛm a, n’asomfoɔ nyinaa bɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ.+
13 Ohiani ne nhyɛsofoɔ ahyia;+ na Yehowa na ɔma wɔn nyinaa ani hunu hann.+
14 Sɛ ɔhene bu abrɛfoɔ atɛn nokorɛ mu+ a, n’ahennwa bɛtim daa.+
15 Abaa ne kasakyerɛ na ɛma nyansa,+ na ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwuo.+
16 Sɛ nnebɔneyɛfoɔ dɔɔso a, mmarato bu so; na ateneneefoɔ na wɔbɛhunu wɔn asehweɛ.+
17 Hwe wo ba, na ɔbɛma woahome, na wo kra anya anigyeɛ bebree.+
18 Anisoadehunu nni hɔ a, ɔmanfoɔ yɛ deɛ wɔpɛ,+ na anigyeɛ ne wɔn a wɔkora mmara soɔ.+
19 Akoa rentie kasakyerɛ;+ ɔte aseɛ, nanso ɔmfa nyɛ hwee.+
20 Woahunu onipa a ɔpere ne ho wɔ kasa mu?+ Anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.+
21 Sɛ obi gyegye n’akoa so firi ne mmɔfraase a, akyire nna mu no ɔbɛyɛ bonniayɛfoɔ.
22 Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu,+ na obiara a ne koko ha no mmarato dɔɔso.+
23 Ɔdasani ahantan na ɛbɛbrɛ no aseɛ,+ na deɛ ne honhom dwoɔ no bɛnya animuonyam.+
24 Deɛ ne yɔnko ne ɔkorɔmfoɔ no tan ɔno ara ne kra.+ Ɛfiri sɛ ɔte ntanka, nanso ɔmmɛka hwee.+
25 Onipa ho suro sum fidie,+ na deɛ ɔde ne ho to Yehowa soɔ no, ɔbɛnya ahobammɔ.+
26 Nnipa pii na wɔkɔ sodifoɔ anim,+ nanso Yehowa na ɔbu onipa atɛn.+
27 Ɔteneneeni akyiwadeɛ ne deɛ ɔnni asɛntenenee,+ na ɔdebɔneyɛfoɔ akyiwadeɛ ne deɛ ɔtene wɔ n’akwan mu.+