Numeri
27 Na Yosef ba Manase+ ba ne Makir, na Makir nso ba ne Gilead. Na Gilead ba Hefer nso wɔ ba a ɔde Selofehad. Afei Selofehad mma mmaa+ a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa+ no baeɛ. 2 Na wɔbɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano wɔ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne mpanimfoɔ ne asafo no nyinaa anim kaa sɛ: 3 “Yɛn papa wuu serɛ no so,+ nanso na ɔnka Kora badwafoɔ+ a wɔne Yehowa dii asie no ho. Ɔno ara ne bɔne mu na ɔwuiɛ,+ na wannya ɔbabarima biara. 4 Adɛn na ɔbabarima a yɛn papa nnie nti wɔnyi ne din mfiri n’abusua mu?+ Yɛsrɛ mo, momma yɛn agyapadeɛ wɔ yɛn papa nuanom mu.”+ 5 Enti Mose de wɔn asɛm no too Yehowa anim.+
6 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 7 “Asɛm a Selofehad mma mmaa no reka no yɛ ne kwan so. Enti ma wɔn agyapadeɛ wɔn papa nuanom mu. Ma wɔn papa agyapadeɛ mmɛdi wɔn nsam.+ 8 Na ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni ɔbabarima a, momfa n’agyapadeɛ mma ne babaa. 9 Sɛ ɔnni ɔbabaa a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ mma ne nua mmarima. 10 Na sɛ ɔnni nua mmarima a, momfa n’agyapadeɛ mma ne papa nua mmarima. 11 Na sɛ ne papa nni nuabarima biara a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ no mma ne busuani+ bi a ɔbɛn no. Yei bɛyɛ atemmusɛm mu mmara ama Israelfoɔ sɛdeɛ Yehowa ahyɛ Mose no.’”
12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Foro kɔ Abarim+ bepɔ so kɔhwɛ asase a mede bɛma Israelfoɔ no.+ 13 Sɛ wohwɛ wie a, wɔbɛsie wo akɔka wo nkurɔfoɔ ho+ sɛdeɛ wɔsiee wo nua Aaron no,+ 14 ɛfiri sɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden wɔ Sina serɛ so, na berɛ a asafo no ham+ nsuo a ɛwɔ wɔn anim ho no, moanyɛ me kronkron.+ Nsuo yi ne Meriba+ a ɛwɔ Kades+ wɔ Sina serɛ soɔ+ no.”
15 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: 16 “Yehowa, Onyankopɔn a woma honam nyinaa+ honhom,+ yi obi ma no nni asafo yi anim,+ 17 obi a ɔbɛdi wɔn anim de wɔn akɔ na wadi wɔn anim de wɔn aba, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu,+ na Yehowa asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.”+ 18 Enti Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Frɛ Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom+ ahyɛ no mã no, na fa wo nsa gu ne so.+ 19 Afei fa no bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasar ne asafo no nyinaa anim, na yɛ no kannifoɔ wɔn nyinaa anim.+ 20 Na fa w’animuonyam no bi ma no+ na Israel asafo no nyinaa ntie no.+ 21 Ɔsɔfoɔ Eleasar anim na ɔbɛgyina, na ɔbɛgyina n’ananmu de Urim*+ abisa+ Yehowa hɔ adeɛ. Sɛ ɔka sɛ wɔnkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra a wɔbɛba, ɔne Israelfoɔ a wɔka ne ho ne asafo mũ no nyinaa.”
22 Mose yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no. Na ɔde Yosua bɛgyinaa ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne asafo no nyinaa anim, 23 na ɔde ne nsa guu ne so yɛɛ no ɔkannifoɔ+ sɛdeɛ Yehowa nam Mose so kaeɛ no.+