24 Nanso m’akoa Kaleb+ deɛ, ɛsiane sɛ honhom foforɔ wɔ ne soɔ na ɔde n’akoma nyinaa adi m’akyi+ nti, mede no bɛkɔ asase a ɔkɔhwɛɛ soɔ no so, na ɛbɛyɛ n’asefoɔ dea.+
9 Berɛ a wɔtwaeɛ no ara pɛ na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn.”+ Na Elisa kaa sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ menya+ wo honhom+ no abupɛn mmienu.”+
17 Afei nso, ɔde Elia+ honhom ne ne tumi bɛdi n’anim, de adane agyanom akoma+ aba mma so ne asoɔdenfoɔ aba ateneneefoɔ nyansa ho, asiesie nkurɔfoɔ+ bi ama Yehowa.”+