Dawid dwom. Ayeyi dwom.
24 Asase ne emu nneɛma nyinaa yɛ Yehowa dea,+
Wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no.+
2 Ɔno na ɔde atim po soɔ;+
Ɔde atim nsubɔnten so.+
3 Hwan na ɔbɛtumi aforo Yehowa bepɔ,+
Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne kronkronbea hɔ?+
4 Deɛ ne nsam yɛ kronn, na n’akoma mu teɛ,+
Deɛ ɔmmuu Me kra animtia,+
Deɛ ɔnkaa atorɔ ntam.+
5 Ɔbɛnya nhyira afiri Yehowa nkyɛn;+
Ɔbɛnya tenenee afiri nkwagyeɛ Nyankopɔn no nkyɛn.+
6 Yeinom ne wɔn a wɔhwehwɛ no no abusua,
Wɔn a wɔhwehwɛ w’anim no, O Yakob Nyankopɔn.+ Sela.
7 “Momma mo tiri so, O apono,+
Momma mo ho so, tete akwan,+
Na Ɔhene nimuonyamfoɔ no nhyɛn mu!”+
8 “Hwan ne Ɔhene nimuonyamfoɔ yi?”+
“Ɔne Yehowa, ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no,+
Yehowa, ɔdɔmmarima no.”+
9 “Momma mo tiri so, O apono;+
Momma so, tete akwan,
Na Ɔhene nimuonyamfoɔ no nhyɛn mu!”+
10 “Hwan ne Ɔhene nimuonyamfoɔ yi?”
“Asafo Yehowa—ɔno ne Ɔhene nimuonyamfoɔ no.”+ Sela.