96 Monto dwom foforɔ mma Yehowa.+
Monto dwom mma Yehowa, asase so aman nyinaa.+
2 Monto dwom mma Yehowa, monhyira ne din.+
Monka ne nkwagyeɛ ho asɛmpa da biara.+
3 Monka n’animuonyam ho asɛm amanaman mu,+
Monka n’anwanwadwuma ho asɛm aman nyinaa mu.+
4 Yehowa yɛ kɛseɛ+ na ɔfata ayeyie pii.
Ne ho yɛ hu sene anyame nyinaa.+
5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+
Na Yehowa deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+
6 Anidie ne animuonyam wɔ n’anim;+
Ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea.+
7 Aman mmusuakuo, momfa mma Yehowa,+
Momfa animuonyam ne ahoɔden mma Yehowa.+
8 Momfa Yehowa din animuonyam mma no;+
Momfa akyɛdeɛ mmra ne fie adihɔ.+
9 Momfa ahohyehyɛ kronkron nkoto Yehowa;+
Asase so aman nyinaa, ne nti momma mo yam nhyehye mo.+
10 Monka no amanaman no mu sɛ: “Yehowa afiri aseɛ redi hene.+
Asase nso atim pintinn a ɛrenhinhim da.+
Teeyɛ mu na ɔbɛdi amanaman no asɛm ama wɔn.”+
11 Momma ɔsoro nni ahurisie, na asase ani nnye.+
Momma ɛpo nworo, ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.+
12 Momma kwaeɛ ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nni ahurisie.+
Wuram nnua nso, momma ne nyinaa nto ahurisi dwom+ wɔ
13 Yehowa anim. Ɛfiri sɛ waba;+
Waba sɛ ɔrebɛbu asase atɛn.+
Ɔbɛbu asase atɛn tenenee mu,+
Na ɔbɛbu amanaman atɛn nokorɛdie mu.+