Hesekiel
47 Afei ɔde me baa Efie no kwan ano,+ na mehunuu sɛ nsuo+ bi resene firi Efie no aponnwa ase kɔ apueeɛ fam, ɛfiri sɛ na Efie no anim kyerɛ apueeɛ fam.+ Na nsuo no sene firii aseɛ; ɛfiri Efie no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ.
2 Ɛnna ɔde me faa ɛpono+ a ɛwɔ atifi no kwan so, na ɔde me nwonwan kɔfaa ɛkwan a ɛda akyire no so baa adihɔ pono a ani kyerɛ apueeɛ+ fam no ano, na mehunuu sɛ nsuo+ resene firi nifa so.
3 Na ɔbarima no faa susuhoma+ kuraa ne nsam de n’ani kyerɛɛ apueeɛ fam, na ɔsusuu basafa apem. Na ɔmaa mefaa nsuo no mu, na ɛdedaa me nanpɔso.
4 Ɔsan susuu apem, na ɔmaa mefaa nsuo no mu, na ɛdedaa me kotodwe.
Afei ɔsusuu apem bio, na ɔmaa mefaa mu, na ɛdedaa m’asene mu.
5 Na ɔsan susuu apem, na mantumi amfa mu ɛfiri sɛ na ayiri adane asubɔnten. Na ɛnyɛ nsuo a obi bɛtumi afa mu, gye sɛ ɔboro.
6 Afei ɔbisaa me sɛ: “Onipa ba, woahunu?”
Na ɔmaa mesan baa asubɔnten no ano. 7 Mesan baeɛ no, mehunuu sɛ nnua pii pa wɔ asubɔnten no ho, benkum ne nifa.+ 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuo yi resene akɔ apueeɛ fam akɔfa Araba,+ na ɛbɛkɔ akɔbɔ po mu.+ Ɛbɛsene akɔ po mu+ na asa emu nsuo yareɛ. 9 Na baabiara a asubɔnten a abu abɔ ho yi bɛsene akorɔ no, ɔkra teasefoɔ biara a ɛka ne ho+ no bɛnya nkwa. Na emu nam bɛdɔɔso bebree, ɛfiri sɛ nsuo no bɛkɔ hɔ akɔsa ɛpo nsuo no yareɛ+ na biribiara asan anya nkwa bio, deɛ asubɔnten no korɔ biara.
10 “Mpataayifoɔ bɛgyinagyina ho afiri En-Gedi+ akɔpem En-Eglaim, na wɔbɛhata wɔn asau wɔ hɔ. Na mpataa ahodoɔ nyinaa bi bɛdɔɔso manyamanya wom te sɛ mpataa a ɛwɔ Po Kɛseɛ+ no mu no.
11 “Na ɛho awora ne atɛkyɛ deɛ, wɔrensa no yareɛ.+ Ɛbɛyɛ nkyenenkyene.+
12 “Nnua a wɔdie nyinaa bi bɛfifi wɔ asubɔnten no ho, benkum ne nifa.+ Na n’ahahan rempo,+ na ɛso aba rensa.+ Ɛbɛso aba foforɔ bosome biara, ɛfiri sɛ nsuo a ɛgugu soɔ no firi kronkronbea+ hɔ pɛɛ. Na wɔbɛdi so aba de n’ahahan asa yareɛ.”+
13 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Yei ne asase a mobɛkyɛ ama Israel mmusuakuo dumienu no sɛ wɔn agyapadeɛ, na emu mmienu bɛyɛ Yosef dea.+ 14 Monkyɛ asase no pɛpɛɛpɛ mma obiara nnya ne deɛ, ɛfiri sɛ asase yi na memaa me nsa so kaa ntam+ sɛ mede bɛma mo agyanom;+ na asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ.+
15 “Asase no hyeɛ a ɛda atifi fam nie: Ɛfiri Po kɛseɛ no ho kɔfa Hetlon+ ba Sedad,+ 16 ne Hamat+ ne Berota+ ne Sibraim a ɛda Damasko+ ne Hamat ahyeɛ ntam; ne Haser-Hatikon a ɛkɔ Hauran+ hyeɛ so no. 17 Na ɛhyeɛ no firi po no ho kɔfa Hasar-Enon+ a ɛwɔ Damasko hyeɛ so wɔ atifi fam, na ɛkɔduru Hamat hyeɛ so.+ Yei ne atifi fam hyeɛ no.
18 “Na apueeɛ fam hyeɛ no da Hauran+ ne Damasko+ ntam, na ɛkɔfa Yordan+ ho wɔ Gilead+ ne Israel asase no ntam. Monsusu mfiri hyeɛ no so nkɔ apueeɛ fam po no ho. Yei ne apueeɛ fam hyeɛ no.
19 “Na anafoɔ fam hyeɛ no firi Tamar+ kɔ Meribat-Kades+ nsuo ho, firi subɔn+ no ho kɔ Po kɛseɛ no ho. Yei ne anafoɔ fam hyeɛ a ɛwɔ Negeb no.
20 “Na atɔeɛ fam hyeɛ no ne Po kɛseɛ no, ɛfiri hyeɛ no so tẽẽ kɔ Hamat+ hyeɛ so. Yei ne atɔeɛ fam hyeɛ no.”
21 “Monkyɛ asase yi mma Israel mmusuakuo dumienu no. 22 Monkyɛ asase no mfa,+ na momfa bi mma ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu+ awowo mma no. Na mommu wɔn sɛ Israel man mma. Na wɔne mo nyinaa nkyɛ agyapadeɛ wɔ Israel mmusua mu.+ 23 Abusua a ɔhɔhoɔ no abɛsoɛ mu no, ɛhɔ na momma no agyapadeɛ,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.