Yesaia
50 Deɛ Yehowa aka nie: “Awaregyaeɛ krataa+ a mede gyaa mo maame no wɔ he?+ Anaasɛ wɔn a mede wɔn ka no mu hwan na metɔn mo maa no?+ Mo ara mo mfomsoɔ+ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔapamo mo maame.+ 2 Adɛn nti na mebaeɛ no na obiara nni hɔ?+ Na adɛn nti na mefrɛeɛ no obiara annye soɔ?+ Me nsa yɛ tia sɛ ɛbɛgye mo,+ anaa menni tumi a mede bɛyi mo? Hwɛ, mede m’animka+ ma po we,+ na mema nsubɔnten dane serɛ.+ Na emu nam bɔn, ɛfiri sɛ nsuo nnim; na sukɔm nti, wɔwuwu.+ 3 Mede sum kataa soro,+ na mede atweaatam yɛɛ ne nkataho.”+
4 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara ama me asuafoɔ kɛtrɛma+ na mahunu asɛm a mede bɛbua deɛ wabrɛ.+ Anɔpa biara ɔnyane me, ɔnyane m’aso ma metie sɛ asuafoɔ.+ 5 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara abue m’aso, na me nso mante atua,+ na mansan m’akyi.+ 6 Medanee m’akyi maa mmaakãfoɔ, na mede m’afono+ maa wɔn a wɔtutu nwi. Na mamfa m’anim anhunta animguaseɛ ne ntasuo.+
7 Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara bɛboa me,+ enti m’anim rengu ase. Mama m’anim ayɛ sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ m’ani renwu.+ 8 Deɛ ɔbu me bem no bɛn me.+ Hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Ɔmmra mma yɛnnyina hɔ animu ne animu.+ Hwan na ɔne me wɔ asɛm?+ Ma no mmɛn me.+ 9 Hwɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa no ara bɛboa me. Hwan na ɔbɛtumi abu me fɔ?+ Hwɛ, wɔn nyinaa bɛgo atete sɛ atadeɛ.+ Nweweboaa bɛwe wɔn ama wɔasã.+
10 Mo mu hwan na ɔsuro+ Yehowa, na ɔtie n’akoa asɛm,+ deɛ ɔnam sum mu daa+ a hann biara nhyerɛn mma no no? Ma no mfa ne ho nto Yehowa din so,+ na ɔmfa ne ho ntwere ne Nyankopɔn.+
11 “Hwɛ, mo a moasɔ gya a moma egya dɛre nyinaa, monnante mo gya no hann ne egya a moama no redɛre no mu. Na deɛ mobɛnya afiri me nsam nie: Ɛyea mu na mobɛdeda hɔ.+