Sakaria
3 Na ɔmaa mehunuu ɔsɔfo panin Yosua+ sɛ ɔgyina Yehowa bɔfoɔ anim, na Satan+ nso gyina Yosua nsa nifa so sɛ ɔne no rebɛdi asie.+ 2 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ+ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Yehowa nka w’anim,+ Satan; Yehowa a wayi Yerusalem+ no nka w’anim! Oyi nyɛ dua a wɔahwim afiri gya mu anaa?”+
3 Saa berɛ no na Yosua hyɛ atade fĩ+ gyina ɔbɔfoɔ no anim. 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina n’anim no sɛ: “Monyi atade fĩ no mfiri ne ho.” Na ɔtoaa so sɛ: “Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so,+ na wɔde adehyetadeɛ bɛhyɛ wo.”+
5 Ɛnna mekaa sɛ: “Wɔmfa abotitene a ɛho teɛ nhyɛ no.”+ Na wɔde abotitene a ɛho teɛ hyɛɛ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ; saa berɛ no na Yehowa bɔfoɔ no gyina hɔ. 6 Na Yehowa bɔfoɔ no dii Yosua adanseɛ sɛ: 7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Sɛ wonante m’akwan so, na wodi m’ahyɛdeɛ so a,+ ɛnneɛ wo na wobɛbu me fie atɛn+ na woahwɛ m’adihɔ so; na mɛma wo baabi wɔ wɔn a wɔgyinagyina hɔ yi mu.’
8 “‘O ɔsɔfo panin Yosua, wo ne wo mfɛfoɔ a wɔtete w’anim no ntie, na wɔyɛ nsɛnkyerɛnne.+ Hwɛ, mede m’akoa+ a ne din de Mfefɛeɛ+ reba! 9 Na hwɛ boɔ+ a mede ato Yosua anim! Aniwa+ nson wɔ boɔ baako no so. Na mɛkurukyire so,+ na mɛyi asase no bɔne afiri hɔ da koro.’+ Asafo Yehowa asɛm nie.
10 “‘Na saa da no, berɛ a motete bobe ne borɔdɔma dua ase no, mobɛfrɛfrɛ mo ho.’ Asafo Yehowa asɛm nie.”+