Yesaia
49 Nsuano aman,+ montie me; aman a mowɔ akyirikyiri,+ monyɛ aso. Yehowa no ara na ɔfrɛɛ me+ firii yafunu mu.+ Berɛ a mewɔ me maame yam na ɔbɔɔ me din.+ 2 Ɔmaa m’ano yɛɛ sɛ nkrantɛ nnamnam,+ na ɔde me siee+ ne nsa nwunu ase.+ Nkakrankakra ɔyɛɛ me sɛ agyan a wɔatwi ho, na ɔde me huntaa n’agyan kotokuo mu. 3 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Israel, wone m’akoa,+ wo mu na mɛyi m’animuonyam adie.”+
4 Na me deɛ, mekaa sɛ: “Mabrɛ agu.+ Masɛe m’ahoɔden wɔ adehunu ne ahuhudeɛ ho.+ Nanso m’atemmuo wɔ Yehowa hɔ,+ na m’akatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”+ 5 Yehowa a ɔyɛɛ me firi yafunu mu sɛ memmɛyɛ n’akoa+ no aka sɛ memfa Yakob nsan mmrɛ no,+ na memmoa Israel ano mma no.+ Na m’anim bɛba nyam wɔ Yehowa anim na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden. 6 Na ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ ade ketewa sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusua so na wode Israelfoɔ a wɔakora wɔn soɔ no aba.+ Mayi wo sɛ amanaman no hann,+ na me nkwagyeɛ akɔ akɔpem asase ano.”+
7 Asɛm a Yehowa, Israel Gyefoɔ+ ne ne Kronkronni no, aka akyerɛ deɛ wɔbu no animtia korakora,+ deɛ ɔman no kyiri no,+ deɛ ɔyɛ atumfoɔ akoa+ no nie: “Ahemfo ankasa bɛhunu na wɔasɔre+ na aberempɔn nso akoto, ɔnokwafoɔ Yehowa,+ Israel Kronkronni a ɔyii woɔ no nti.”+
8 Deɛ Yehowa aka nie: “Anisɔ berɛ mu na mebuaa woɔ,+ na nkwagyeɛ da na meboaa woɔ,+ na mekɔɔ so bɔɔ wo ho ban sɛ mede wo bɛyɛ apam ama nnipa,+ na woasiesie asase no+ ama wɔasan adi agyapadeɛ a ayɛ amamfõ no so bio.+ 9 Ka kyerɛ nneduafoɔ+ sɛ, ‘Mompue mmra!’+ na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ sum mu+ sɛ, ‘Monyi mo ho adi!’+ Akwan so na wɔbɛdidie, na akwan pradaa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea.+ 10 Ɛkɔm renne wɔn,+ sukɔm nso renne wɔn,+ ahuhuro renne wɔn na awia renhye wɔn,+ ɛfiri sɛ deɛ ɔhu wɔn mmɔbɔ no bɛdi wɔn anim,+ na ɔde wɔn bɛfa asutire ho.+ 11 Mɛma me mmepɔ nyinaa adane kwan na mama m’atempɔn so akɔ soro.+ 12 Hwɛ, yeinom bɛfiri akyirikyiri aba,+ na yeinom bɛfiri atifi+ ne atɔeɛ,+ na yeinom bɛfiri Sinim asase so.”
13 Ɔsoro, monto dwom;+ asase, di ahurisie.+ Mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose,+ ɛfiri sɛ Yehowa akyekyere ne manfoɔ werɛ,+ na ɔhu ne nkoa a wɔabrɛ mmɔbɔ.+
14 Na Sion kaa sɛ: “Yehowa agya me;+ Yehowa werɛ afiri me.”+ 15 Ɔbaa werɛ bɛfiri ne nufo ano ba ma enti ne yam renhyehye no mma ne yafunu mu ba?+ Mmaa yi werɛ bɛtumi afiri,+ nanso me deɛ, me werɛ remfi wo.+ 16 Hwɛ, me nsayam na makurukyire woɔ.+ W’afasuo wɔ m’anim daa.+ 17 Wo mma de ahoɔherɛ sene. Na wɔn a wɔdwiri wo guo na wɔsɛe woɔ no bɛfiri wo mu akɔ. 18 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia. Wɔaboa wɔn nyinaa ano.+ Wɔaba wo nkyɛn. Na Yehowa aka sɛ: “Sɛ mete aseɛ yi,+ wode wɔn nyinaa bɛhyehyɛ wo ho sɛ agudeɛ, na wode wɔn bɛbebare wo ho te sɛ ayeforɔ.+ 19 W’asase adane amamfõ na asɛe ada mpan,+ nanso wɔn a wɔbɛba w’atenaeɛ no rensene hɔ, na wɔn a wɔmene woɔ no kɔ akyirikyiri.+ 20 Na mma a kane no ɛbɔɔ woɔ+ no bɛka agu w’asom sɛ, ‘Ɛha kyere so dodo.+ Ma me baabi ntena.’+ 21 Na wobɛka no w’akomam sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Meyɛ ɔbaa a mahwere me mma na meyɛ obonini, na wɔfaa me dommum de me kɔɔ sɛ deduani,+ enti hwan na ɔtetee yeinom?+ Wɔgyaa me nko ara,+ na yeinom deɛ, wɔfiri he?’”+
22 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mɛma me nsa so akyerɛ amanaman,+ na mɛma m’ahyɛnsodeɛ so akyerɛ aman.+ Na wɔbɛturu wo mma mmarima wɔ wɔn kokom, na wɔde wo mma mmaa nso asi akɔnkɔn aba.+ 23 Ahemfo bɛgyegye wo+ na wɔn ahemmaa ama wo nufoɔ. Wɔde wɔn anim bɛbutu fam ama wo+ na wɔatafere wo nan ase mfuturo;+ na wobɛhunu sɛ mene Yehowa, na wɔn a wɔde wɔn ho to me soɔ no ani renwu.”+
24 Wɔn a ɔdɔmmarima afa wɔn no, obi bɛtumi agye wɔn afiri ne nsam anaa,+ na nkoa a otirimuɔdenfoɔ afa wɔn no, wɔbɛtumi adwane?+ 25 Na deɛ Yehowa aka nie: “Ɔdɔmmarima nkoa mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam,+ na wɔn a otirimuɔdenfoɔ afa wɔn no bɛdwane.+ Deɛ ɔne wo di asie no, me ne no bɛdi asie,+ na me ara mɛgye wo mma.+ 26 Mɛma wɔn a wɔhyɛ wo soɔ no awe wɔn ara wɔn nam, na wɔn ara wɔn mogya bɛbo wɔn te sɛ nsã fremfrem. Na honam nyinaa bɛhunu sɛ me Yehowa,+ mene w’Agyenkwa+ ne wo Gyefoɔ,+ Yakob Tumfoɔ no.”+