Sakaria
8 Na asafo Yehowa toaa so kaa sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa+ aka nie, ‘Mede anibereɛ kɛseɛ bɛtwe Sion ho ninkunu;+ mede abufuo+ kɛseɛ bɛtwe ne ho ninkunu.’”
3 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛsan aba Sion+ na matena Yerusalem;+ na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ nokorɛ kuro,+ na wɔafrɛ asafo Yehowa bepɔ+ no bepɔ kronkron.’”+
4 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Nkɔkoraa ne mmerewa bɛkɔ so atenatena Yerusalem mmɔnten so+ a onyinkyerɛ nti wɔn mu biara kura ne poma.+ 5 Na mmarimaa ne mmaayewa bɛhyɛ kuro no mmɔnten so mã adi agorɔ.’”+
6 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Sɛ ɛbɛyɛ den wɔ nnipa a aka no ani so saa berɛ no a, me nso ɛbɛyɛ den m’ani so anaa?’+ Asafo Yehowa asɛm nie.”
7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mɛgye me man afiri awiapueeɛ ne awiatɔeɛ asase so.+ 8 Na mede wɔn bɛba abɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man+ na mayɛ wɔn Nyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.’”+
9 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Monyere mo nsam dendeenden,+ mo a nna yi moate nsɛm yi afiri adiyifoɔ+ no anom, da a wɔtoo asafo Yehowa fie fapem sɛ wɔresi asɔrefie no.+ 10 Ansa na saa berɛ no reba no, na akatua biara nni hɔ mma adasamma,+ na na akatua biara nni hɔ mma mmoa nso; na ɔtamfo nti, na deɛ ɔrekɔ ne deɛ ɔreba nni asomdwoeɛ,+ na memaa nnipa nyinaa ne wɔn ho dii asie.’+
11 “‘Afei merenyɛ nnipa a aka yi sɛdeɛ meyɛɛ kane no bio,’+ asafo Yehowa asɛm nie. 12 ‘Wɔbɛdua asomdwoeɛ aba+ na bobe aso n’aba,+ na asase bɛma ne nnɔbaeɛ+ na ɔsoro ama ne bosuo.+ Na mede yeinom+ nyinaa bɛma nnipa a aka no.+ 13 O Yuda ne Israel fie,+ sɛdeɛ moyɛɛ nnome wɔ amanaman mu no,+ saa ara na me nso mɛgye mo na moabɛyɛ nhyira.+ Monnsuro,+ na mmom monyere mo nsam dendeenden.’+
14 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘“Sɛdeɛ mo agyanom hyɛɛ me abufuo na meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ mo bɔne+ na mannu me ho no,”+ asafo Yehowa asɛm nie, 15 “saa ara na saa berɛ yi nso mayɛ m’adwene sɛ me ne Yerusalem ne Yuda fie bɛdi no yie.+ Enti monnsuro.”’+
16 “‘Deɛ monyɛ nie:+ Obiara nka nokorɛ nkyerɛ ne yɔnko.+ Na momfa nokorɛ ne asomdwoeɛ mmu atɛn wɔ mo kuro apono ano.+ 17 Mommmɔ mo yɔnko ho pɔ bɔne wɔ mo akomam,+ na mommma mo ani nnnye ntanhunu+ ho, ɛfiri sɛ metan yeinom nyinaa,’+ Yehowa asɛm nie.”
18 Na asafo Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 19 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Mmuada a wɔdi no bosome a ɛtɔ so nnan,+ bosome a ɛtɔ so nnum,+ bosome a ɛtɔ so nson,+ ne bosome a ɛtɔ so du+ mu nyinaa bɛyɛ ahurisidie ne anigyeɛ berɛ ne afahyɛ pa ama Yuda fie.+ Enti monnɔ nokorɛ ne asomdwoeɛ.’+
20 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Aman ne nkuro pii mufoɔ bɛba;+ 21 na kuro baako mu nnipa bɛkɔ kuro foforɔ mu akɔka sɛ: “Momma yɛnkɔ+ nkɔkoto nsrɛ+ Yehowa na yɛnhwehwɛ asafo Yehowa akyiri kwan. Me nso mɛkɔ.”+ 22 Na amanaman mu nnipa ne aman akɛseɛ bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyiri kwan wɔ Yerusalem+ na wɔakoto asrɛ Yehowa.’
23 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Saa berɛ no, nnipa du a wɔka amanaman+ no kasa hodoɔ nyinaa bɛba abɛsosɔ+ Yudani+ baako atadeɛ mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ,+ na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+