Dwom 22:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Asase ano nyinaa bɛkae, na wɔadane aba Yehowa nkyɛn.+Amanaman mmusuakuo nyinaa bɛkoto w’anim.+ Yesaia 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na nna a ɛdi akyire+ no mu no, Yehowa fie bepɔ+ bɛtim hɔ wɔ mmepɔ atifi,+ na wɔbɛma so asene nkokoɔ nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsene yuu akɔ hɔ.+ Yesaia 11:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Saa da no,+ Yese nhini+ bɛgyina sɛ ahyɛnsodeɛ ama aman nyinaa.+ Na amanaman bɛhwehwɛ n’akyiri kwan,+ na n’asoɛeɛ bɛyɛ animuonyambea.+ Hosea 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “Na Israelfoɔ bɛdɔɔso sɛ mpoano anwea a wɔntumi mmu wɔn ano na wɔntumi nkan wɔn.+ Na faako a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’+ Mateo 8:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Nanso mese mo sɛ nnipa bebree firi apueeɛ fam ne atɔeɛ+ fam bɛba na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ wɔ ɔsoro+ ahennie+ no mu,
2 Na nna a ɛdi akyire+ no mu no, Yehowa fie bepɔ+ bɛtim hɔ wɔ mmepɔ atifi,+ na wɔbɛma so asene nkokoɔ nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsene yuu akɔ hɔ.+
10 Saa da no,+ Yese nhini+ bɛgyina sɛ ahyɛnsodeɛ ama aman nyinaa.+ Na amanaman bɛhwehwɛ n’akyiri kwan,+ na n’asoɛeɛ bɛyɛ animuonyambea.+
10 “Na Israelfoɔ bɛdɔɔso sɛ mpoano anwea a wɔntumi mmu wɔn ano na wɔntumi nkan wɔn.+ Na faako a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’+
11 Nanso mese mo sɛ nnipa bebree firi apueeɛ fam ne atɔeɛ+ fam bɛba na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ wɔ ɔsoro+ ahennie+ no mu,