Maskil. Asaf dwom.+
78 O me man, monyɛ aso mma me mmara;+
Monwɛn mo aso mma m’anom nsɛm.+
2 Abebuo mu na mɛbue m’ano;+
Mɛyi tete aborɔme adi,+
3 Deɛ yɛateɛ a yɛnim+
Ne deɛ yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no;+
4 Yɛremfa nhunta wɔn mma,+
Na yɛbɛka akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba;+
Yɛbɛka Yehowa ayeyie ne n’ahoɔden+
Ne anwanwadeɛ a wayɛ no ho asɛm.+
5 Ɔmaa nkaesɛm timiiɛ wɔ Yakob mu,+
Na ɔhyɛɛ mmara wɔ Israel mu,+
Ɛno ne ahyɛdeɛ a ɔde maa yɛn agyanom+
Sɛ wɔmma wɔn mma nhunu;+
6 Ɛno na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, mma a wɔbɛwo wɔn no, bɛhunu,+
Na wɔatumi aka akyerɛ wɔn mma;+
7 Ɛno bɛma wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so,+
Na wɔn werɛ amfiri Onyankopɔn nneyɛɛ,+ na mmom wɔadi ne mmara nsɛm so.+
8 Na wɔrenyɛ sɛ wɔn agyanom,+
Awoɔ ntoatoasoɔ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ no,+
Awoɔ ntoatoasoɔ a wɔansiesie wɔn akoma+
Na wɔn honhom anni Onyankopɔn nokorɛ no.+
9 Efraim mma a wɔnim agyan toɔ no mpo,+
Wɔdwanee ɛko da.+
10 Wɔanni Onyankopɔn apam so,+
Na ne mmara nso, wɔannante mu.+
11 Wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ+
Ne n’anwanwadwuma a ɔmaa wɔhunuiɛ no.+
12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn agyanom anim,+
Egypt+ asase so, Soan+ asase so.
13 Ɔpaee po mu, na ɔmaa wɔfaa mu,+
Ɔmaa nsuo no boaa ano te sɛ nsuban.+
14 Ɔde mununkum dii wɔn anim awia+
Na anadwo mũ nyinaa nso, ɔde egya a ɛhyerɛn dii wɔn anim.+
15 Ɔpaee abotan mu wɔ serɛ so hɔ,+
Na ɛmaa wɔnyaa nsuo pii nomeeɛ sɛ deɛ ɛfiri subunu mu.+
16 Ɔmaa nsutene firii botan mu baeɛ,+
Na ɔmaa nsuo senee sɛ asubɔnten.+
17 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ no bɔne,+
Na wɔtee Ɔsorosoroni no so atua, kwaweɛ no so;+
18 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ wɔn akomam,+
Na wɔbisaa no deɛ wɔn kra bɛdie.+
19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn.+
Wɔkaa sɛ: “Enti Onyankopɔn bɛtumi ato yɛn pono wɔ serɛ yi so?”+
20 Hwɛ! Ɔno na ɔbɔɔ ɔbotan+
Maa nsuo baeɛ na nsuo pii sene firii mu baeɛ.+
Nanso wɔbisaa sɛ: “Ɔbɛtumi ama yɛn paanoo anaa,+
Na ɔbɛtumi asiesie aduane ama ne man nie?”+
21 Ɛno na Yehowa teeɛ na ne bo fuiɛ;+
Egya tɔɔ Yakob mu,+
Na abufuo hwie guu Israel so.+
22 Wɔannye Onyankopɔn anni,+
Na wɔannya ne nkwagyeɛ mu ahotɔsoɔ.+
23 Nanso ɔhyɛɛ ɔsoro mununkum,
Na ɔbuee ɔsoro mpomma.+
24 Ɔtɔɔ mana maa wɔdiiɛ,+
Ɔsoro aduane na ɔde maa wɔn.+
25 Nnipa dii atumfoɔ aduane;+
Ɔmaa wɔn aduane di meeɛ.+
26 Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii soro,+
Na ɔde n’ahoɔden bɔɔ anafoɔ mframa.+
27 Ɔtɔɔ aduane guu wɔn so sɛ mfuturo,+
Ne ntakraboa sɛ mpoano anwea.+
28 Ɔmaa no guguu ne nsraban no mu,+
Wɔ ne ntomadan no ho baabiara.+
29 Wɔdidi mee paa.+
Enti ɔmaa wɔn wɔn akɔnnɔdeɛ.+
30 Berɛ a wɔn akɔnnɔ to ntwaeɛ,
Na wɔn aduane no da so wɔ wɔn anom no,+
31 Onyankopɔn hwiee n’abufuo guu wɔn so.+
Ɔkunkum wɔn mu ahoɔdenfoɔ;+
Na ɔmaa Israel mmeranteɛ hwehwee ase.
32 Yei nyinaa akyi no, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne,+
Na wɔankyerɛ n’anwanwadwuma no mu gyidie.+
33 Enti ɔtwaa wɔn nkwa nna so te sɛ mframa ara kwa,+
Ne wɔn mfeɛ so, akomatusɛm mu.
34 Berɛ biara nso a ɔbɛkunkum wɔn no, wɔhwehwɛ n’akyiri kwan,+
Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn.+
35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn Botan,+
Na Ɔsorosoroni no ne wɔn Gyefoɔ.+
36 Nanso wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no;+
Wɔde wɔn kɛtrɛma twaa no nkontompo.+
37 Ná wɔn akoma nni mũ wɔ ne ho;+
Wɔanni n’apam no nokorɛ.+
38 Ne nyinaa akyi no, ɔhuu wɔn mmɔbɔ;+ ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn,+ na wansɛe wɔn.+
Mprɛ pii na ɔsiankaa n’abufuo,+
Na wanhwanyan n’abufuo nyinaa.
39 Berɛ nyinaa ɔkaee sɛ wɔyɛ honam,+
Na sɛ wɔn honhom no kɔ a, ɛnsan mma bio.+
40 Mprɛ pii na wɔtee ne so atua wɔ serɛ no soɔ,+
Na wɔhoo ne werɛ wɔ kwaweɛ no so.+
41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ mprɛ pii,+
Na wɔmaa Israel Kronkronni+ no dii wɔn ho yea.
42 Wɔankae ne nsa,+
Da a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfo nsam no,+
43 Sɛdeɛ ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+
Ne anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no Soan asase soɔ no;+
44 Sɛdeɛ ɔdanee wɔn Nil mu nsuo mogya,+
Na wɔantumi annom wɔn asubɔnten no mu nsuo no.+
45 Ɔsomaa ahuriiɛ kɔɔ wɔn so sɛ wɔnkɔwe wɔn;+
Ne mpɔtorɔ, sɛ wɔnkɔsɛe wɔn.+
46 Ɔde wɔn nnɔbaeɛ maa ntɛfrɛ,
Na ɔde wɔn nsa ano adwuma maa ntutummɛ.+
47 Ɔde asukɔtweaa kunkum wɔn bobe,+
Na wɔn sikamɔɔ nnua nso, ɔde asukɔtweaa bobɔɔ no.+
48 Ɔde wɔn nyɛmmoa hyɛɛ asukɔtweaa nsa,+
Na ɔde wɔn mmoakuo nso maa owuyareɛ.
49 Ɔsomaa n’abufuhyeɛ baa wɔn so,+
Anibereɛ ne abohuro ne ahohia;+
Ɔsomaa abɔfoɔ asafodɔm nso sɛ wɔmfa ɔhaw mmra wɔn so.+
50 Ɔbɔɔ kwan maa n’abufuo.+
Wamfa owuo ankame wɔn kra;
Na wɔn nkwa nso, ɔde maa yaredɔm.+
51 Awieeɛ koraa no, ɔbobɔɔ Egypt mmakan nyinaa kunkum wɔn,+
Wɔn ahoɔden mfitiaseɛ no, Ham ntomadan mu.+
52 Ɛno akyi no, ɔmaa ne man kɔɔ sɛ nnwankuo,+
Na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuo wɔ serɛ no so.+
53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, na wɔn akoma antu;+
Wɔn atamfo deɛ, ɛpo kataa wɔn so.+
54 Ɔde wɔn baa n’asase kronkron no so,+
Mmepɔ nsase yi a ɔde ne nsa nifa nyaeɛ no.+
55 Wɔn nti, ɔde nkakrankakra pamoo amanaman,+
Na ɔde susuhoma kyekyɛɛ agyapadeɛ maa wɔn,+
Na ɔmaa Israel mmusuakuo no tenatenaa wɔn afie mu.+
56 Nanso wɔsɔɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn hwɛeɛ, na wɔtee ne so atua,+
Na ne nkaesɛm nso, wɔanni so.+
57 Wɔsanee wɔn akyi, na wɔtwaa nkontompo sɛ wɔn agyanom;+
Wɔsanee wɔn akyi sɛ agyan a emu agoɔ.+
58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea no hyɛɛ no abufuo,+
Na wɔde wɔn ahoni a wɔasene no huruu ne bo.+
59 Enti Onyankopɔn teeɛ,+ na ne bo fuu kɛse,+
Na Israel ho yɛɛ no aniwu koraa.+
60 Ɛduruu baabi no, ɔgyaa Silo ntomadan,+
Ntomadan a na ɔte mu wɔ adasamma mu no.+
61 Ɔmaa n’ahoɔden no kɔɔ nkoasom mu;+
N’ahoɔfɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ atamfo nsa.+
62 Ɔkɔɔ so de ne man hyɛɛ nkrantɛ nsa,+
Na n’abufuo baa n’agyapadeɛ no so.+
63 Egya hyee ne mmeranteɛ,
Na wɔanyi ne mmaabunu nso ayɛ.+
64 N’asɔfoɔ no, wɔtotɔɔ nkrantɛ ano,+
Na wɔn akunafoɔ ansu wɔn.+
65 Yehowa nyaneeɛ sɛdeɛ obi nyane firi nna mu,+
Te sɛ ɔhoɔdenfoɔ a nsã atete n’ani soɔ.+
66 Na ɔbobɔɔ n’atamfo firii wɔn akyi;+
Ɔmaa wɔbɛyɛɛ ahohoradeɛ daa.+
67 Ɔpoo Yosef ntomadan;+
Na wanyi Efraim abusuakuo.+
68 Yuda abusuakuo na ɔyiiɛ,+
Bepɔ Sion a ɔdɔ no no.+
69 Na ɔsii ne kronkronbea sɛ ɔsorosoro adeɛ,+
Te sɛ asase a ɔde atim hɔ afebɔɔ no.+
70 Ɛnna ɔyii n’akoa Dawid,+
Na ɔfaa no firii nnwammuo mu.+
71 Ɔmaa no gyaee nnwammereɛ a wɔma nufoɔ akyiridie,+
Na ɔmaa no bɛyɛn ne man Yakob+
Ne n’agyapadeɛ Israel.+
72 Ɔde akoma a ɛdi mũ yɛnee wɔn,+
Na ɔde ne nsa dii wɔn anim ahokokwa so.+