Numeri 14:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na wɔkaa mpo sɛ: “Momma yɛnyi obi nni yɛn anim nsan nkɔ Egypt!”+ Numeri 25:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Enti Israel de ne ho kɔbɔɔ Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuu Israel dendeenden.+ 1 Korintofoɔ 10:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Saa ara nso na mommma yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ adwamammɔ mu sɛdeɛ wɔn mu binom bɔɔ adwaman+ na wɔn mu mpem aduonu mmiɛnsa totɔɔ da koro+ no. 1 Korintofoɔ 10:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Saa ara nso na mommma yɛnnsɔ Yehowa+ nnhwɛ sɛdeɛ wɔn mu binom sɔɔ no hwɛeɛ+ na awɔ kunkum wɔn+ no. 1 Korintofoɔ 10:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Monnnwiinwii nso sɛdeɛ wɔn mu binom nwiinwiiɛ+ na ɔsɛefoɔ no sɛee wɔn+ no.
8 Saa ara nso na mommma yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ adwamammɔ mu sɛdeɛ wɔn mu binom bɔɔ adwaman+ na wɔn mu mpem aduonu mmiɛnsa totɔɔ da koro+ no.