Nahum
3 Mogya kuro, due.+ Nnaadaa ne adwotwa ahyɛ no mã. Na afomdeɛ mpa hɔ da! 2 Apɔnkɔ mpire+ gyegye wɔ hɔ, na teaseɛnam nan de kirididi ba, apɔnkɔ tu mmirika dendeenden, na nteaseɛnam hurihuri.+ 3 Apɔnkɔsotefoɔ foro ba, nkrantɛ ano pa gya, pea ano te yerɛwyerɛw te sɛ anyinam,+ nnipa pii atotɔ, na afunu bebree sum hɔ; awufoɔ dodoɔ nni ano, na wɔsunti hwehwe wɔn afunu so. 4 Ne nyinaa firi odwamanfoɔ hoɔfɛfoɔ no adwamammɔ dodoɔ,+ asumansɛm mu hemmaa a ɔde n’adwamammɔ sum amanaman fidie na ɔde n’asumanneɛ+ to mmusua bradɛ no.
5 Asafo Yehowa aka sɛ: “Hwɛ, me ne wo wɔ asɛm,+ na mɛma w’atadeɛ so abɛgu w’anim na mama amanaman ahunu w’adagya+ na ahennie ahunu w’animguaseɛ. 6 Mɛto atantanneɛ agu wo so,+ na mɛma wo ho ayɛ abofono na mama nnipa ahwɛ wo aka asɛm.+ 7 Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane afiri wo ho+ na waka sɛ, ‘Niniwe abɔ! Hwan na ɔbɛgyam no?’ Ɛhe na mɛnya awerɛkyekyefoɔ ama woɔ? 8 Woyɛ sene No-Amon+ a ɔte Nil asuasu ho+ no anaa? Ɔno na nsuo atwa ne ho ahyia; n’ahodeɛ yɛ ɛpo, na ɛpo yɛ n’afasuo. 9 Etiopia ne Egypt+ yɛ n’ahoɔden kɛseɛ, na wɔnni ano. Put ne Libiafoɔ nso boaa no.+ 10 Ɔno nso, wɔtuu n’ase kɔeɛ; ɔkɔɔ nkoasom mu.+ Na wɔtetee ne mma mu wɔ mmɔnten ntwea so nyinaa;+ wɔbɔɔ n’animuonyamfoɔ so ntonto,+ na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu n’atitire nyinaa.+
11 “Wo nso wobɛboro nsã+ na woayera.+ Na wobɛhwehwɛ dwankɔbea afiri wo tamfo hɔ.+ 12 W’abandenden nyinaa te sɛ borɔdɔma aba a adi kan abereɛ, na sɛ wɔwoso a, ɛporo gu odifoɔ anom.+
13 “Hwɛ, wo dɔm nyinaa yɛ mmaa.+ Na ɛkwan biara so wɔbɛbue w’asase ano apono ato hɔ ama w’atamfo. Na egya bɛhye w’apono akyi adaban.+ 14 Sesa nsuo sie nkahyɛmu da no.+ Hyɛ w’abandenden mu den.+ Tiatia atɛkyɛ mu na wɔ dɔteɛ, na sɔ adeɛ a wɔde twa birikisi mu. 15 Ɛhɔ mpo egya bɛhye wo. Na nkrantɛ bɛtwa wo afiri hɔ.+ Ɛbɛdi wo nam te sɛ hwidɔm.+ Ma wo dodoɔ nnɔɔso sɛ hwidɔm; ma wo dodoɔ nnɔɔso sɛ ntutummɛ. 16 Woakeka w’adwadifoɔ abɔ so ama wɔdɔɔso sene ɔsoro nsoromma.+
“Mmoadabi deɛ, wɔworɔ wɔn ho gu hɔ, na wɔtu kɔ. 17 W’awɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ, na wo dɔm-ano-boafoɔ te sɛ ntutummɛ manyamanya. Wɔtetare ban ho awɔ da, na awia bɔ pɛ na wɔatutu kɔ, na obiara nnim baabi a wɔwɔ bio.+
18 “O Asiria hene, wo nnwanhwɛfoɔ totɔ nko,+ na w’atumfoɔ tete wɔn atenaeɛ.+ Wo manfoɔ ahwete wɔ mmepɔ so, na obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa wɔn ano.+ 19 Ahotɔ biara nni hɔ mma wo wɔ w’amanehunu mu. Na wo kuro nni sabea.+ Wɔn a wɔte wo ho nsɛm nyinaa bɛbɔ wɔn nsam.+ Adɛn, hwan na womfa w’amumuyɔsɛm nkɔ ne so daa?”+