Mmebusɛm
26 Sɛdeɛ ahuhuro berɛ mu sukyerɛmma ne twaberɛ mu osuo teɛ no,+ saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.+
2 Sɛdeɛ anomaa ntu nnwane kwa na asomfena ntu kwa no, saa ara na nnome mma kwa.+
3 Mpire fata pɔnkɔ,+ nnareka+ fata afunumu, na abaa nso fata nkwaseafoɔ akyi.+
4 Mma ɔkwasea mmuaeɛ sɛdeɛ ne nkwaseasɛm teɛ, na woanyɛ sɛ ɔno.+
5 Ma ɔkwasea mmuaeɛ wɔ ne nkwaseasɛm ho, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ.+
6 Deɛ ɔde asɛm hyɛ ɔkwasea nsa no te sɛ onipa a ɔtwitwa ɔno ara ne nan ne deɛ ɔdi ne ho aborɔ.+
7 Sɛ apakye tumi de ne nan kɔ nsuo a, ɛnneɛ na abebusɛm wɔ nkwasea anom.+
8 Sɛdeɛ onipa a ɔde boɔ sie aboɔ kuo mu teɛ no, saa ara na deɛ ɔhyɛ ɔkwasea animuonyam teɛ.+
9 Sɛdeɛ nkasɛɛ teɛ ɔsabofoɔ nsam no, saa ara na abebusɛm teɛ wɔ nkwaseafoɔ anom.+
10 Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa wɔn a wɔretwam paa+ no te sɛ agyantofoɔ a ɔtoto wurawura biribiara mu.
11 Sɛdeɛ kraman a ɔsan kɔ ne feɛ ho teɛ no, saa ara na ɔkwasea tĩ ne nkwaseasɛm mu.+
12 Woahunu onipa a ɔyɛ onyansafoɔ ɔno ara n’ani soɔ?+ Anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea+ sene no.
13 Ɔkwadwofoɔ ka sɛ: “Gyata ba wɔ kwan so, gyata bi nenam abɔnten so.”+
14 Sɛdeɛ ɛpono danedane ne ho ne mponterɛ soɔ no, saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ wɔ ne mpa so.+
15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa ato ayowa mu; ɛyɛ no aniha sɛ ɔde bɛkɔ n’ano.+
16 Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ara n’ani so+ sene nnipa nson a wɔma mmuaeɛ a aba wom.
17 Deɛ ɔretwam a ɔde n’ano to ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu+ te sɛ deɛ ɔsɔ kraman aso.
18 Sɛdeɛ ɔbɔdamfoɔ toto mmɛmma+ ne agyan de di awuo no, 19 saa ara na onipa a ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ: “Ɛyɛ agorɔ na meredie” no teɛ.+
20 Sɛ nnyina nni hɔ a, egya dum, na sɛ dinsɛefoɔ nni hɔ a, ntɔkwa to twa.+
21 Sɛdeɛ gyabidie wɔ hɔ ma nsramma na nnyina wɔ hɔ ma egya no, saa ara na ntɔkwapɛfoɔ soso gya gu ɔham mu.+
22 Dinsɛefoɔ nsɛm te sɛ aduane a wɔmemene no ntɛmntɛm, na ɛkɔ nsono mu tɔnn.+
23 Kɛtrɛmakyene a amumuyɔ akoma bata ho no te sɛ ayowa sini a wɔde dwetɛ adura ho.+
24 Ɔtamfo anom nsɛm nyi ne suban adi, na nnaadaa wɔ ne mu.+ 25 Ɔbɛka nsɛm dɛdɛɛdɛ,+ nanso nnye no nni,+ ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson+ wɔ n’akoma mu. 26 Ɔde nnaadaa akata nitan so. Ne bɔne bɛda adi asafo mu.+
27 Deɛ ɔtu amena no, ɛno ara mu na ɔbɛhweɛ,+ na deɛ ɔmunimuni boɔ no, ne so na ɛbɛsan aba.+
28 Atorɔ kɛtrɛma tan onipa a ɛpira no+ no, na adɛfɛdɛfɛsɛm sɛe adeɛ.+