Mmebusɛm 10:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Nyansa wɔ onipa a ɔwɔ nteaseɛ ano,+ na abaa wɔ hɔ ma deɛ ɔnni tire* akyi.+ Mmebusɛm 17:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Animka yɛ adwuma yie wɔ deɛ ɔwɔ nteaseɛ mu+ sene sɛ wɔbɛbɔ ɔkwasea mmaa ɔha.+ Mmebusɛm 27:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Sɛ wode wɔmma si ɔkwasea muhumuhu fra ayuo wɔ waduro mu mpo a, ne nkwaseasɛm no remfiri ne mu.+ 1 Korintofoɔ 4:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛdeɛn na mopɛ? Memfa abaa mmra mo nkyɛn,+ anaa ɔdɔ ne ɔdwoɔ honhom?+ 2 Korintofoɔ 10:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 na yɛasiesie yɛn ho sɛ sɛ moyɛ asoɔmmerɛ wie ara pɛ a,+ yɛde asoɔden nyinaa ho asotwe bɛma.+