Marko
7 Ɛnna Farisifoɔ no ne atwerɛfoɔ bi a wɔfiri Yerusalem aba no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ.+ 2 Na wɔhunuu sɛ n’asuafoɔ no bi de nsa a ɛho nteɛ, kyerɛ sɛ, nsa a wɔnhohoroeɛ,* didi+— 3 na Farisifoɔ ne Yudafoɔ no nyinaa deɛ, mpanimfoɔ atetesɛm a wɔkura mu ketee nti, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa ammɛsi wɔn abatwɛ a wɔnnidi, 4 na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔnnidi gye sɛ wɔapetepete nsuo de adwira wɔn ho ansa; na wɔwɔ atetesɛm+ afoforɔ pii a wɔkura mu, nkuruwa ne mpɔreɛ ne kɔberesɛn ahodoɔ a wɔde nu nsuo mu;+— 5 ɛnna Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ no bisaa no sɛ: “Adɛn nti na w’asuafoɔ no nyɛ wɔn adeɛ sɛdeɛ mpanimfoɔ atetesɛm kyerɛ, na wɔde nsa a ɛho nteɛ didie?”+ 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfoɔ ho nkɔm sɛdeɛ wɔatwerɛ no,+ sɛ ‘Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.+ 7 Wɔsom me kwa, ɛfiri sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛdeɛ.’+ 8 Moagyaa Onyankopɔn mmara mu, na mokura nnipa atetesɛm mu.”+
9 Bio nso, ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofa aniteɛ kwan so de Onyankopɔn mmara+ to nkyɛn sɛdeɛ mobɛkora mo atetesɛm soɔ. 10 Sɛ nhwɛsoɔ no, Mose kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni,’+ afei ‘Ma deɛ ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’+ 11 Nanso mo deɛ, moka sɛ, ‘Sɛ obi ka kyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a anka wobɛnya ho mfasoɔ afiri me nkyɛn no yɛ korban+ (kyerɛ sɛ, akyɛdeɛ a wɔahyira so+ ama Onyankopɔn) a,”’— 12 Momma no nyɛ hwee mma ne papa anaa ne maame bio,+ 13 enti mode atetesɛm a mokyerɛkyerɛ no asɛe Onyankopɔn asɛm.+ Na moyɛ nneɛma bebree+ a ɛte sɛ yei.” 14 Enti ɔfrɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn bio ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nyinaa, montie me, na monte aseɛ.+ 15 Biribiara nni hɔ a ɛfiri abɔnten kɔ onipa mu a ɛbɛtumi agu ne ho fĩ; na deɛ ɛfiri onipa mu firi adie no na ɛgu ne ho fĩ.”+ 16 ——
17 Afei berɛ a ɔfirii nnipakuo no nkyɛn kɔɔ fie bi mu no, n’asuafoɔ no firii aseɛ bisaa no mfatoho no ho asɛm.+ 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nso monni nhunumu te sɛ wɔn anaa?+ Monnim sɛ biribiara nni hɔ a ɛfiri abɔnten kɔ onipa mu a ɛbɛtumi agu ne ho fĩ, 19 ɛfiri sɛ ɛnyɛ n’akoma mu na ɛkɔ, na mmom ne nsono mu, na ɛsene firi nipadua no mu?”+ Enti ɔkaa sɛ nnuane nyinaa ho te.+ 20 Bio nso ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛfiri onipa mu firi adie no na ɛgu ne ho fĩ;+ 21 na onipa mu, n’akoma mu,+ na nsusuiɛ bɔne firi ba: adwamansɛm,+ korɔno, awudisɛm,+ 22 awaresɛeɛ, adufudepɛ,+ amumuyɔsɛm, nnaadaasɛm, ahohwisɛm,+ anibereɛ, abususɛm, ahantan, ahuhusɛm. 23 Nneɛma bɔne yi nyinaa firi onipa mu, na ɛgu ne ho fĩ.”+
24 Afei ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtamu hɔ.+ Na ɔkɔɔ fie bi mu a wampɛ sɛ obiara bɛhunu. Nanso wantumi amfa ne ho ansie;+ 25 ankyɛ koraa na ɔbaa bi a ne babaa ketewa wɔ honhom fĩ tee ne nka, na ɔbɛhwee ne nan ase.+ 26 Ná ɔbaa no yɛ Helani a ɔfiri Foinike wɔ Siria; na ɔsrɛɛ no ara sɛ ɔntu adaemone no mfiri ne babaa no so.+ 27 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma mmɔfra no mmee ansa, na ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmɔfra+ paanoo ato ama nkraman mma.”+ 28 Nanso ɔbaa no bua see no sɛ: “Owura, ɛyɛ ampa nanso nkraman mma a wɔdeda didipono ase no di mmɔfra+ no mporoporowaa+ no.” 29 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ woaka yi nti kɔ; adaemone no afiri wo babaa no so.”+ 30 Enti ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie kɔhunuu+ sɛ abɔfra kumaa no da mpa so a adaemone no afiri ne soɔ.
31 Na ɔfiri Tiro mpɔtamu hɔ resan aba no, ɔfaa Sidon kɔɔ Galilea po ho kɔfaa Dekapoli mpɔtamu.+ 32 Ɛha na wɔde ɔbarima bi a n’aso asi a ɔntumi nkasa yie brɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa ngu ne so.+ 33 Na ɔde no firii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom, na ɔtee ntasuo de ne nsa kaa ne kɛtrɛma.+ 34 Na ɔhwɛɛ soro+ guu ahome+ kɛseɛ kaa sɛ: “Hefata,” kyerɛ sɛ, “Bue.” 35 Ɛnna n’asom buebueeɛ+ na deɛ akyekyere ne kɛtrɛma no saneeɛ, na ɔfirii aseɛ kasaa yie. 36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara;+ nanso ɔrebara wɔn no, afei mpo na na wɔreka ho asɛm.+ 37 Nokorɛm no, wɔn ho dwirii+ wɔn yie maa wɔkaa sɛ: “Wayɛ biribiara yie. Ɔma asotifoɔ mpo te asɛm na mum kasa.”+