Asomafoɔ Nnwuma
13 Antiokia asafo no, na adiyifoɔ+ ne akyerɛkyerɛfoɔ wom, Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger no, ne Lukio+ a ɔfiri Kirene, ne Manaen a wɔtetee ɔne Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ no, ne Saul. 2 Berɛ a wɔreyɛ Yehowa som adwuma+ na wɔredi mmuada no, honhom kronkron kaa sɛ: “Monyi Barnaba ne Saul+ mma me na wɔnkɔyɛ adwuma a enti mefrɛɛ wɔn no.” 3 Ɛnna wɔdii mmuada bɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa+ guu wɔn so maa wɔkɔeɛ.
4 Enti saa mmarima a honhom kronkron asoma wɔn yi kɔɔ Seleukia, na wɔfirii hɔ de po so hyɛn kɔɔ Kipro. 5 Berɛ a wɔduruu Salami no, wɔfirii aseɛ bɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuro wɔ Yudafoɔ hyia adan mu. Ná Yohane+ nso wɔ wɔn nkyɛn sɛ ɔsomfoɔ.
6 Berɛ a wɔfaa supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhyiaa Yudani barima sumanni bi, odiyifoɔ torofoɔ+ bi a wɔfrɛ no Bar-Yesu; 7 na ɔwɔ amrado Sergio Paulo a ɔyɛ nyansafoɔ no nkyɛn. Berɛ a wɔfrɛɛ Barnaba ne Saul maa no no, ɔbarima yi hwehwɛɛ dendeenden sɛ ɔte Onyankopɔn asɛm. 8 Nanso na osumanni Elima wɔ hɔ (nokorɛm no, ne din no asekyerɛ ne osumanni); na ɔfirii aseɛ ne wɔn dii asie,+ pɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho. 9 Afei berɛ a honhom kronkron ahyɛ Saul, a wɔsan frɛ no Paulo mã no, ɔhwɛɛ no dinn 10 kaa sɛ: “O ɔbarima a nsisie ne amumuyɔ nyinaa ayɛ wo mã, Ɔbonsam ba,+ tenenee nyinaa tamfo, wonnyaee sɛ wokyea Yehowa kwan a ɛtene no? 11 Afei hwɛ! Yehowa nsa wɔ wo so, na w’ani bɛfira, a worenhunu awia hann kɔsi berɛ bi.” Mpofirem ara n’ani so yɛɛ no kusuu na esum duruu no, na ɔkyini hwehwɛɛ nnipa a wɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ no kwan.+ 12 Afei berɛ a amrado+ no hunuu deɛ asie no, ɔbɛyɛɛ gyidini, ɛfiri sɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ no maa ne ho dwirii no.
13 Afei, mmarima no ne Paulo faa po so firii Pafo kɔɔ Perga a ɛwɔ Pamfilia.+ Na Yohane+ deɛ, ɔne wɔn tetee mu san kɔɔ+ Yerusalem. 14 Nanso, wɔn deɛ wɔfirii Perga baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan+ mu homeda kɔtenaa ase. 15 Wɔkenkan Mmara+ ne Adiyifoɔ no wɔ badwam wieeɛ no, hyiadan mu mpanimfoɔ+ no soma kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: “Mmarima, anuanom, sɛ mowɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, monka.” 16 Enti Paulo sɔre nyam+ ne nsa kaa sɛ:
“Mmarima, Israelfoɔ ne mo a mosuro Nyankopɔn, montie.+ 17 Israel man yi Nyankopɔn yii yɛn agyanom, na ɔmaa wɔn so berɛ a na wɔyɛ ahɔhoɔ wɔ Egypt asase soɔ no de basa a wɔama soɔ yii wɔn firii hɔ.+ 18 Na bɛyɛ mfeɛ aduanan+ no, ɔnyaa wɔn nneyɛɛ ho aboterɛ wɔ serɛ no so. 19 Ɔsɛee aman nson wɔ Kanaan asase so akyi no, ɔbɔɔ wɔn asase no so ntonto kyekyɛeɛ:+ 20 ne nyinaa sii bɛyɛ mfeɛ ahanan aduonum mu.
“Na yeinom akyi no, ɔmaa wɔn atemmufoɔ de bɛsii odiyifoɔ Samuel so.+ 21 Na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔbisaa ɔhene,+ na Onyankopɔn de Kis ba Saul, ɔbarima a ɔfiri Benyamin abusua mu,+ maa wɔn mfeɛ aduanan. 22 Na ɔyii no firii hɔ+ no, ɔmaa Dawid so maa wɔn sɛ ɔhene,+ na ɔdii ne ho adanseɛ kaa sɛ, ‘Mahunu Yese ba Dawid,+ ɔbarima a m’akoma da ne soɔ+ a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’+ 23 Saa ɔbarima yi mu+ na sɛdeɛ Onyankopɔn bɔhyɛ teɛ no, ɔyii Yesu maa Israel sɛ agyenkwa,+ 24 berɛ a Yohane,+ a ɔdii Ɔno anim baeɛ+ no, kaa asubɔ a ɛyɛ adwensakra ho sɛnkyerɛnne ho asɛm wɔ badwam kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa no. 25 Na berɛ a Yohane dwumadie reba awieeɛ no, ɔkaa sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Menyɛ ɔno. Nanso, hwɛ! obi di m’akyi reba a memfata sɛ mesane ne nan ase mpaboa mpo.’+
26 “Mmarima, anuanom, Abraham asefoɔ ne wɔn a wɔwɔ mo mu a wɔsuro Nyankopɔn, yɛn na wɔde nkwagyeɛ yi ho asɛm abrɛ yɛn.+ 27 Na wɔn a wɔtete Yerusalem ne wɔn sodifoɔ no anhu no,+ nanso berɛ a wɔrebu atɛn no, wɔmaa deɛ na Adiyifoɔ+ no aka a wɔkenkan no den Homeda biara no baa mu, 28 na wɔanhunu hwee a ɛkyerɛ sɛ ɔsɛ owuo+ deɛ, nanso wɔkaa sɛ Pilato mma wɔnku no.+ 29 Afei, berɛ a wɔyɛɛ deɛ wɔatwerɛ afa ne ho nyinaa wieeɛ+ no, wɔyii no firii dua+ no so de no too ɛda mu.+ 30 Nanso Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu;+ 31 na wɔn a wɔne no firi Galilea kɔɔ Yerusalem no hunuu no nna pii, na seesei wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ nkurɔfoɔ.+
32 “Ɛno nti yɛreka bɔhyɛ a wɔde maa agyanom no ho asɛmpa akyerɛ mo,+ 33 sɛ Onyankopɔn ama no aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma no ɛfiri sɛ wanyane Yesu,+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no dwom a ɛtɔ so mmienu no mu no sɛ, ‘Woyɛ me ba, ɛnnɛ mayɛ w’Agya.’+ 34 Nokwasɛm a ɛne sɛ ɔnyanee no firii awufoɔ mu a ɛremma bio sɛ ɔbɛsan akɔ porɔeɛ mu no, ɛno na waka no saa kwan yi soɔ sɛ, ‘Mede adɔeɛ a Dawid nyaeɛ a ɛyɛ nokorɛ no bɛma mo.’+ 35 Enti ɔno nso kaa no dwom foforɔ mu sɛ, ‘Woremma wo nokwafoɔ nhunu porɔeɛ.’+ 36 Na Dawid deɛ,+ ɔyɛɛ Onyankopɔn pɛ a wɔada no adie no wɔ ɔno ara n’awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ɔdaa wɔ owuo mu maa wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ.+ 37 Nanso deɛ Onyankopɔn nyanee no no anhunu porɔeɛ.+
38 “Enti anuanom, monhunu sɛ yɛnam Oyi so reka bɔne fafirie ho asɛm akyerɛ mo;+ 39 na nneɛma a wɔantumi amfa Mose mmara so ammu mo bem wɔ ho+ no, wɔnam Oyi so abu obiara a ɔgye die no bem wɔ ho.+ 40 Enti monhwɛ na deɛ wɔaka no Adiyifoɔ no mu no amma mo so, 41 ‘Mo animtiabufoɔ, monhwɛ na ɛnyɛ mo nwanwa na monyera, ɛfiri sɛ mereyɛ adwuma bi mo berɛ so, adwuma a sɛ obi ka ho asɛm nyinaa kyerɛ mo mpo a, morennye nnie.’”+
42 Afei berɛ a wɔrefiri hɔ akɔ no, nkurɔfoɔ no paa wɔn kyɛw sɛ wɔnka nsɛm yi nkyerɛ wɔn homeda a ɛdi hɔ+ no. 43 Enti hyiadan no mu nhyiamu no baa awieeɛ no, Yudafoɔ no mu pii ne wɔn a wɔasakra a wɔsom Onyankopɔn no dii Paulo ne Barnaba akyi,+ na wɔkasa kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn nkuran+ sɛ wɔnkɔ so ntena Onyankopɔn adom+ mu.
44 Homeda a ɛdi hɔ no, ɛkame ayɛ sɛ kuro no mufoɔ nyinaa hyiaam sɛ wɔrebɛtie Yehowa asɛm.+ 45 Berɛ a Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, anibereɛ+ hyɛɛ wɔn mã na wɔfirii aseɛ kaa abususɛm de bɔɔ deɛ Paulo reka no guiɛ.+ 46 Enti, Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: “Ná ɛho hia sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kane.+ Nanso ɛsiane sɛ mopia to nkyɛn+ na mommu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredane akɔ amanaman no nkyɛn.+ 47 Nokorɛm no, Yehowa ama yɛn ahyɛdeɛ sɛ, ‘Mayi wo sɛ amanaman hann,+ na woayɛ nkwagyeɛ de akɔpem asase ano.’”+
48 Berɛ a amanaman mufoɔ tee yei no, wɔfirii aseɛ dii ahurisie na wɔhyɛɛ Yehowa asɛm animuonyam,+ na wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa danee agyidifoɔ.+ 49 Afei nso, wɔkɔɔ so de Yehowa asɛm no kɔɔ asase no nyinaa so.+ 50 Na Yudafoɔ+ no tutu guu mmaa a wɔwɔ din a wɔsom Onyankopɔn no ne kuro no mu nnipa atitire no asom, na wɔde ɔtaa+ baa Paulo ne Barnaba so pamoo wɔn firii wɔn ahyeɛ so. 51 Ɛnna wɔporoporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn soɔ+ na wɔkɔɔ Ikoniom. 52 Na anigyeɛ+ ne honhom kronkron kɔɔ so hyɛɛ asuafoɔ no mã.