5 Sɛ nhwɛsoɔ no, abɔfoɔ no mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: “Woyɛ me ba; me na ɛnnɛ mayɛ w’agya”?+ Anaasɛ: “Me na mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba”?+
5 Saa ara na Kristo nso anhyɛ ne ho animuonyam+ ammɛyɛ ɔsɔfo panin,+ na mmom deɛ ɔhyɛɛ no animuonyam+ no ne deɛ ɔka faa ne ho sɛ: “Woyɛ me ba; me na ɛnnɛ mayɛ w’agya.”+